Daniel
10 Persia hene Kores ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no,+ Daniel a na wɔsan frɛ no Beltesasar+ no nyaa yikyerɛ bi. Ná asɛm no yɛ nokorɛ, na na ɛfa ɛko kɛseɛ bi ho. Ɔtee asɛm no ase, na deɛ ɔhunuiɛ no, wɔmaa no hunuu mu yie.
2 Saa berɛ no, me, Daniel, na madi awerɛhoɔ+ nnawɔtwe mmiɛnsa. 3 Nnawɔtwe mmiɛnsa no nyinaa, manni aduane pa biara, na nam ne nsã biara anka m’ano, na mamfa ngo ansra. 4 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 24, berɛ a na mewɔ asubɔnten kɛseɛ Tigris* ano no,+ 5 memaa m’ani so, na mehuu ɔbarima bi a ɔfira nwera,+ na na Ufas sika kɔkɔɔ abɔsoɔ* bɔ n’asene. 6 Ná ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ,+ n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ tɛnee* a ɛredɛre. N’abasa ne ne nan te sɛ kɔbere a wɔatwi ho,+ na ne kasa gyegye te sɛ nnipadɔm nne. 7 Me Daniel, me nko ara na mehuu deɛ ɛkɔɔ so wɔ anisoadehunu no mu.+ Mmarima a wɔka me ho no deɛ, wɔanhunu bi. Nanso wɔn ho poo kyɛ-kyɛ-kyɛ-kyɛ, na wɔdwane kɔhintae.
8 Afei deɛ, na aka me nko ara. Berɛ a menyaa saa anisoadehunu kɛseɛ no, ahoɔden biara anka me mu, meyɛɛ hoyaa, na m’ahoɔden nyinaa sae.+ 9 Na metee sɛ ɔrekasa. Nanso berɛ a metee sɛ ɔrekasa no, mefaa mu daa hatee a na m’anim butu fam.+ 10 Na obi de ne nsa kaa me,+ na ɔpusupusuu me maa mesɔree, na mede me nsa ne me nkotodwe sisii fam. 11 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ:
“O Daniel, woyɛ ɔbarima a wosom bo paa;*+ yɛ aso tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi. Afei sɔre gyina baabi a na wogyina no, ɛfiri sɛ wɔasoma me wo nkyɛn.”
Berɛ a ɔkaa saa kyerɛɛ me no, mesɔre gyinaa hɔ, na na me ho repopo.
12 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “O Daniel, nsuro.+ Ɛfiri da a ɛbaa w’akoma mu sɛ wobɛte asɛm no ase, ɛda a ɛbaa w’akoma mu sɛ wobɛbrɛ wo ho ase wɔ wo Nyankopɔn anim no, saa da no na wɔtee w’adesrɛ no, na w’adesrɛ no nti na maba.+ 13 Berɛ a mereba no, Persia ahemman no berempɔn+ bɛsii me kwan nnafua 21. Nanso Mikael*+ a ɔka aberempɔn atitire no ho no* bɛboaa me, na metenaa Persia ahemfo no nkyɛn wɔ hɔ. 14 Maba sɛ merebɛma woahunu deɛ ɛbɛto wo man wɔ awieeɛ nna no mu,+ ɛfiri sɛ anisoadehunu no yɛ daakye asɛm.”+
15 Berɛ a ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ me no, mesii me tiri ase, na mantumi ankasa.* 16 Ɛnna obi a ɔte sɛ onipa de ne nsa bɛkaa m’ano,+ na mebuee m’ano ka kyerɛɛ deɛ ɔgyina m’anim no sɛ: “Me wura, anisoadehunu no ama me ho repopo, na ahoɔden biara nni me mu.+ 17 Enti ɛbɛyɛ dɛn na w’akoa atumi ne ne wura akasa?+ Ɛfiri sɛ seesei ahoɔden biara nni me mu, na ɔhome biara nni me mu.”+
18 Na deɛ ɔte sɛ onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔhyɛɛ me den.+ 19 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “O ɔbarima a wosom bo paa,*+ nsuro.+ Asomdwoeɛ nka wo.+ Yɛ den, aane, hyɛ wo ho den.” Berɛ a ɔne me kasaeɛ no, menyaa ahoɔden na mekaa sɛ: “Me wura, kasa, ɛfiri sɛ woahyɛ me den.”
20 Ɛnna ɔbisaa me sɛ: “Wonim deɛ enti a maba wo nkyɛn no? Seesei meresan akɔ na me ne Persia berempɔn no+ akɔko. Sɛ mekɔ a, Greece berempɔn no nso bɛba. 21 Nanso mɛka nsɛm a wɔatwerɛ wɔ nokorɛ nwoma no mu akyerɛ wo. Obiara nni hɔ a ɔtaa m’akyi dendeenden wɔ weinom mu, gye Mikael,+ mo berempɔn no.+