12“Saa berɛ no, Mikael,*+ ɔberempɔn kɛseɛ+ a ɔgyina hɔ ma wo man* no bɛsɔre agyina. Na amanehunu a ɛfiri berɛ a ɔman baeɛ ebi mmaa da bɛba. Saa berɛ no, wo manfoɔ bɛnya wɔn tiri adidi mu,+ obiara a wɔatwerɛ ne din wɔ nwoma no mu no.+
9 Nanso berɛ a ɔbɔfo panin+ Mikael+ ne Ɔbonsam redi akameakame ne anobaabaeɛ wɔ Mose funu+ ho no, wamfa ne pɛ ankasa antia no ammu no atɛn,+ na mmom ɔkaa sɛ: “Yehowa* nka w’anim.”+
7 Na ɛko baa soro: Mikael*+ ne n’abɔfoɔ ne ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no koeɛ, na ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no ne n’abɔfoɔ ne wɔn koeɛ, 8 nanso wɔdii nkoguo,* na wɔannya tenabea wɔ soro bio.