Daniel
12 “Saa berɛ no, Mikael,*+ ɔberempɔn kɛseɛ+ a ɔgyina hɔ ma wo man* no bɛsɔre agyina. Na amanehunu a ɛfiri berɛ a ɔman baeɛ ebi mmaa da bɛba. Saa berɛ no, wo manfoɔ bɛnya wɔn tiri adidi mu,+ obiara a wɔatwerɛ ne din wɔ nwoma no mu no.+ 2 Na wɔn a wɔadeda wɔ fam dɔteɛ mu* no bebree bɛnyane. Ebinom bɛnya daa nkwa, na ebinom nso anim bɛgu ase na wɔabu wɔn animtia daa.
3 “Na mmadwemma* no bɛhyerɛn sɛdeɛ wiem hyerɛn no, na wɔn a wɔboa nnipa bebree ma wɔbɛyɛ ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ nsoromma daa daa.
4 “Na wo, Daniel, fa nsɛm no sie na tare nwoma no ano kɔsi awieeɛ berɛ no.+ Nnipa bebree bɛtweetwee mu,* na nimdeɛ a ɛdi mu bɛdɔɔso.”+
5 Na me, Daniel, mehwɛe na mehuu sɛ nnipa mmienu bi gyinagyina hɔ. Ná baako gyina asubɔnten no ano wɔ ɛfã ha, ɛnna baako nso gyina asubɔnten no ano wɔ ɛfã nohoa.+ 6 Na baako bisaa ɔbarima a ɔfira nwera+ a ɔwɔ asubɔnten no so no sɛ: “Da bɛn na saa anwanwadeɛ yi bɛba awieeɛ?” 7 Ɛnna metee ɔbarima a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no so no nne, na ɔmaa ne nsa nifa ne ne nsa benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔde Deɛ ɔte ase daa no+ kaa ntam sɛ: “Ɛbɛkɔ so akɔduru berɛ, mmerɛ, ne berɛ fã* a wɔahyɛ ato hɔ no. Na sɛ wɔsɛe ɔman kronkron no ahoɔden wie pɛ,+ weinom nyinaa bɛba awieeɛ.”
8 Me deɛ, metee nanso mante aseɛ.+ Enti mebisaa sɛ: “Ao me wura, nneɛma yi bɛkɔ akɔwie sɛn?”
9 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Daniel, wo deɛ, kɔ, ɛfiri sɛ wɔde nsɛm no asie, na wɔatare ano de rekɔsi awieeɛ berɛ no.+ 10 Nnipa bebree bɛhohoro wɔn ho na wɔate wɔn ho fitaa, na wɔayiyi wɔn mu fĩ.+ Na nnipabɔnefoɔ bɛdi bɔne, na ɔbɔnefoɔ biara nni hɔ a ɔbɛte aseɛ. Wɔn a wɔyɛ mmadwemma* deɛ, wɔbɛte aseɛ.+
11 “Na ɛfiri berɛ a wɔbɛyi adeɛ a wɔyɛ no daa* no+ afiri hɔ na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ man no asi hɔ no+ yɛ nnafua 1,290.
12 “Anigyeɛ ne deɛ ɔtwɛn* kɔduru nnafua 1,335 no awieeɛ!
13 “Na wo deɛ, kɔ kɔduru awieeɛ. Wobɛhome, na woasɔre abɛnya wo kyɛfa* wɔ nna no awieeɛ.”+