Daniel 12:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Daniel, wo deɛ, kɔ, ɛfiri sɛ wɔato nsɛm no mu asɔ ano kɔsi awieeɛ berɛ no.+ Habakuk 2:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na anisoadehunu no retwɛn ne berɛ,+ na ɛhome hahyeehahyee repɛ ntɛm aba awieeɛ, na ɛrenni atorɔ. Sɛ ɛkyɛ mpo a, twɛn no ara, na ɛkwan biara so ɛbɛba.+ Ɛrenka akyi. 2 Timoteo 3:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na hunu yei sɛ nna a ɛdi akyire mu no,+ mmerɛ a emu yɛ den bɛba.+
3 Na anisoadehunu no retwɛn ne berɛ,+ na ɛhome hahyeehahyee repɛ ntɛm aba awieeɛ, na ɛrenni atorɔ. Sɛ ɛkyɛ mpo a, twɛn no ara, na ɛkwan biara so ɛbɛba.+ Ɛrenka akyi.