Dwom 48:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Bepɔ so kuro fɛfɛ, asase nyinaa anika,+Ne Bepɔ Sion, atifi fam nohoa,+Ɔhenkɛseɛ kuro no.+ Hesekiel 20:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Saa da no, memaa me nsa so+ kaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Egypt asase so akɔ asase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ.+ Ɛyɛ asase a ɛso yɛ fɛ sene asase biara.+ Daniel 8:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Na abɛn foforɔ firi baako mu baeɛ. Ná ɛyɛ abɛn ketewa,+ na ɛyɛɛ kɛse boroo so, na ɛde n’ani kyerɛɛ anafoɔ ne apueeɛ ne Asase Fɛfɛ no.+ Daniel 11:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Na deɛ ɔbɛba ne soɔ no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na obi rentumi nnyina n’anim. Ɔbɛgyina asase Fɛfɛ+ no so, na ɔde ɔsɛeɛ bɛhyɛ ne nsam aba.+ Daniel 11:45 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 45 Ɔde n’ahemfie ntomadan bɛsi ɛpo kɛseɛ no ne asase Fɛfɛ+ no bepɔ kronkron no ntam, na ɔbɛba ara abɛduru n’awieeɛ,+ na ɔrennya ɔboafoɔ biara.+
6 Saa da no, memaa me nsa so+ kaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Egypt asase so akɔ asase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ.+ Ɛyɛ asase a ɛso yɛ fɛ sene asase biara.+
9 Na abɛn foforɔ firi baako mu baeɛ. Ná ɛyɛ abɛn ketewa,+ na ɛyɛɛ kɛse boroo so, na ɛde n’ani kyerɛɛ anafoɔ ne apueeɛ ne Asase Fɛfɛ no.+
16 Na deɛ ɔbɛba ne soɔ no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na obi rentumi nnyina n’anim. Ɔbɛgyina asase Fɛfɛ+ no so, na ɔde ɔsɛeɛ bɛhyɛ ne nsam aba.+
45 Ɔde n’ahemfie ntomadan bɛsi ɛpo kɛseɛ no ne asase Fɛfɛ+ no bepɔ kronkron no ntam, na ɔbɛba ara abɛduru n’awieeɛ,+ na ɔrennya ɔboafoɔ biara.+