Daniel
8 Ɔhene Belsasar+ ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, me Daniel, menyaa anisoadehunu bi, kane deɛ a menyaeɛ no akyi.+ 2 Menyaa anisoadehunu, na berɛ a mehunuiɛ no, na mewɔ Susan+ abankɛseɛ a ɛwɔ Elam+ mantam mu no mu; mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ mewɔ Ulai+ asubɔnten no ho. 3 Berɛ a memaa m’ani so hwɛeɛ no, hwɛ, na odwennini+ bi gyina asubɔnten no ano; ɔwɔ mmɛn mmienu. Ná mmɛn mmienu no woware, nanso baako ware sene baako, na deɛ ɛware no na ɛbaa akyire yi.+ 4 Mehunuu odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ ne atifi ne anafoɔ, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obiara nni hɔ a ɔtumi gye obi firi ne nsam.+ Ɔyɛɛ deɛ ɔpɛ na ɔdii akokurokosɛm.
5 Megu so redwendwene ho no, hwɛ, ɔpapo+ bi firi atɔeɛ baeɛ a ɔnam asase nyinaa ani a ne ho nka fam. Ná ɔpapo no wɔ abɛn bi tua n’ani ntam.+ 6 Ɔbaeɛ ara bɛduruu odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu a mehunuu no sɛ ɔgyina asubɔnten no ano no ho, na ɔde abufuo kɛseɛ tuu mmirika kɔɔ ne so.
7 Na mehunuu sɛ berɛ a ɔduruu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree ne so na ɔpem odwennini no bubuu ne mmɛn mmienu no, na odwennini no annya ahoɔden a ɔde bɛgyina n’anim. Enti ɔtoo no twenee fam tiatiaa ne so, na odwennini no annya obi a ɔbɛgye no afiri ne nsam.+
8 Ɔpapo no dii akokurokosɛm+ boroo so. Nanso berɛ a ɔyɛɛ den no, abɛn kɛseɛ no buiɛ, na mmɛn nnan fifiri sii ɛno anan kyerɛkyerɛɛ ɔsoro mframa nnan no.+
9 Na abɛn foforɔ firi baako mu baeɛ. Ná ɛyɛ abɛn ketewa,+ na ɛyɛɛ kɛse boroo so, na ɛde n’ani kyerɛɛ anafoɔ ne apueeɛ ne Asase Fɛfɛ no.+ 10 Ɛyɛɛ kɛse ara kɔduruu ɔsoro asafo no nkyɛn,+ na ɛmaa asafo no bi ne nsoromma+ no bi tete bɛguu fam, na ɛtiatiaa wɔn so.+ 11 Na ɛdii akokurokosɛm ara kɔduruu asafo no Safohene+ so, na wɔyii daa afɔdeɛ+ no firii Safohene no anim, na wɔtoo ne kronkronbea a ɛtim hɔ no twenee fam.+ 12 Na mmarato+ nti, wɔde asafo no ne daa afɔdeɛ+ no hyɛɛ ne nsa,+ na ɛtoo nokorɛ+ twenee fam+ yɛɛ deɛ ɛpɛ, na ɛsii no yie.+
13 Na metee sɛ ɔkronkronni+ bi rekasa, na ɔkronkronni foforɔ bisaa baako a ɔrekasa no sɛ: “Da bɛn na daa afɔdeɛ+ ne mmarato a ɛma amamfoyɛ ba+ ne kronkronbea ne asafo no a wɔtiatia wɔn so+ ho anisoadehunu no bɛkɔ akɔsie?” 14 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛbɛkɔ akɔsi anadwo ne anɔpa mpem mmienu ne ahasa, na wɔbɛma kronkronbea no asi ne dada mu.”+
15 Na ɛbaa sɛ, me Daniel, megu so rehwɛ anisoadehunu no na merehwehwɛ sɛ mɛte aseɛ no,+ mehunui, na hwɛ, obi bɛgyinaa m’anim a wohwɛ no a, ɔte sɛ ɔbarima.+ 16 Na metee onipa bi nne firii Ulai+ asubɔnten no mu, na ɔteaam frɛɛ sɛ: “Gabriel,+ ma oyi nte deɛ wahunu no ase.”+ 17 Enti ɔbaa deɛ megyina hɔ. Nanso berɛ a ɔbaeɛ no, mebɔɔ hu, na mede m’anim butuu fam. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba,+ te aseɛ+ sɛ anisoadehunu no fa awieeɛ berɛ no ho.”+ 18 Berɛ a ɔne me rekasa no, medaa hatee a m’anim butu fam.+ Enti ɔsɔɔ me mu san de me gyinaa faako a na megyina no.+ 19 Na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, merema woahunu deɛ ɛbɛba abufuo berɛ no awieeɛ, ɛfiri sɛ ɛfa awieeɛ berɛ a wɔahyɛ no ho.+
20 “Odwennini a wohunuu no a ɔwɔ mmɛn mmienu no gyina hɔ ma Media ne Persia+ ahemfo. 21 Ɔpapo a ne ho wɔ nwi bebree no nso gyina hɔ ma Hela hene,+ na abɛn kɛseɛ a ɛwɔ n’ani ntam no gyina hɔ ma ɔhene a ɔdi kan no.+ 22 Na deɛ ɛbuiɛ a nnan fifiri sii anan no nso,+ ahennie nnan bɛsɔre ne man mu, nanso wɔn ahoɔden rennuru ne deɛ no.
23 “Na ɛrekɔ wɔn ahennie no awieeɛ, berɛ a mmaratofoɔ nneyɛɛ aduru ne pɔmpɔn soɔ no, ɔhene tirimuɔdenfoɔ bi a ɔhunu ahuntasɛm mu+ bɛsɔre. 24 Ne tumi bɛyɛ den, nanso ɛrenyɛ ɔno ara n’ahoɔden so.+ Na ɔbɛsɛe adeɛ+ ama no ayɛ nwanwa, na deɛ ɔbɛyɛ nyinaa bɛsi yie. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ man+ no nso. 25 Ne nhunumu nti, ɔbɛma nnaadaa akɔ so wɔ ne nsam.+ N’akoma mu nso, ɔbɛdi akokurokosɛm,+ na asomdwoeɛ berɛ mu,+ ɔbɛsɛe nnipa bebree. Na ɔbɛsɔre atia asafo ahemfo mu Safohene+ no, nanso ɔbɛbubu a ɛnyɛ obi nsa na ɛbɛbu no.+
26 “Anadwo ne anɔpa adehunu a wɔaka ho asɛm yi yɛ nokorɛ.+ Na wo nso, sɔ anisoadehunu no ano, ɛfiri sɛ ɛfa daakye nna ho.”+
27 Na me, Daniel, meyɛɛ kagyaa, na meyaree nna kakra.+ Afei mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma no.+ Nanso deɛ mehunuiɛ no nti, meyɛɛ bɔmm, na obiara ante nsɛm no ase.+