Daniel
9 Ahasweros a n’ase firi Mediafoɔ+ mu no ba Dario+ a wɔde no sii Kaldeafoɔ ahennie so hene no afe a ɛdi kan mu no,+ 2 me Daniel, mehwehwɛɛ nwoma ahodoɔ no mu wɔ n’ahennie afe a ɛdi kan yi mu hunuu mfeɛ dodoɔ a Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn+ no kyerɛɛ sɛ Yerusalem+ amamfoyɛ no bɛdie, kyerɛ sɛ mfeɛ aduɔson.+ 3 Mede m’ani sii so+ sɛ mɛkɔ Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn no anim, na mabɔ no mpaeɛ+ de m’adesrɛ ato n’anim, na madi mmuada afira atweaatam atena nsõ mu.+ 4 Na mefirii aseɛ bɔɔ Yehowa, me Nyankopɔn mpaeɛ, na mekaa yɛn bɔne sɛ:+
“Ao, Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn, wo a woyɛ Opumpuni+ na wo ho yɛ hu, wo a wokora apam+ ne adɔeɛ+ so ma wɔn a wɔdɔ woɔ na wɔdi wo mmara nsɛm soɔ,+ 5 yɛayɛ bɔne+ na yɛafom, yɛadi amumuyɔsɛm na yɛate atua.+ Yɛadane afiri wo mmara nsɛm ne w’atemmusɛm ho.+ 6 Yɛantie wo nkoa adiyifoɔ+ a wɔkasaa wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo, yɛn mpanimfoɔ ne yɛn agyanom ne asase no so nnipa nyinaa no.+ 7 O Yehowa, wo na tenenee wɔ woɔ, na yɛn deɛ, animguaseɛ na ɛfata yɛn sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi;+ ɛfata Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔtete bɛn ha ne wɔn a nokorɛ a wɔanni woɔ nti woabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa soɔ no.+
8 “O Yehowa, animguaseɛ na ɛfata yɛne yɛn ahemfo, yɛn mpanimfoɔ ne yɛn agyanom, ɛfiri sɛ yɛayɛ wo bɔne.+ 9 Yehowa yɛn Nyankopɔn, wo na mmɔborɔhunu+ ne fafirie+ wɔ woɔ, na yɛn na yɛate wo so atua.+ 10 Yehowa yɛn Nyankopɔn, yɛantie wo nne annante wo mmara a wonam wo nkoa adiyifoɔ no nsa so de maa yɛn no mu.+ 11 Israelfoɔ nyinaa abu wo mmara so; wɔamane, na wɔantie wo nne.+ Ɛno nti na nnome ne ntanka+ a wɔatwerɛ no nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose mmara no mu no, woahwie agu yɛn soɔ no, ɛfiri sɛ yɛayɛ wo bɔne. 12 Deɛ wokaa sɛ wode bɛyɛ yɛne yɛn atemmufoɔ a wɔbuu yɛn atɛn no,+ woyɛeɛ,+ na mmusuo kɛseɛ a wode aba yɛn soɔ yi, ebi nsii ɔsoro ase da, sɛdeɛ ɛsii Yerusalem no.+ 13 Mmusuo yi nyinaa aba yɛn so,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu no,+ nanso yɛnhwehwɛɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn, na yɛnsan mfirii yɛn mfomsoɔ ho,+ na yɛnnyaa nhunumu wɔ wo nokorɛ ho.+
14 “Yehowa, wode w’ani sii mmusuo no so, na wode baa yɛn so.+ Yehowa yɛn Nyankopɔn, wotene wo nnwuma a woayɛ nyinaa mu, na yɛn deɛ, yɛantie wo nne.+
15 “Enti afei, Yehowa yɛn Nyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den+ yii wo man firii Egypt asase so de gyee din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi no,+ yɛayɛ bɔne,+ yɛadi amumuyɔsɛm. 16 O Yehowa, sɛdeɛ wo tenenee+ nnwuma nyinaa teɛ no, yɛsrɛ wo, ma w’abufuo ne w’anibereɛ nnane mfiri wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron+ no so, ɛfiri sɛ yɛn bɔne ne yɛn agyanom mfomsoɔ nti,+ Yerusalem ne wo man adane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa.+ 17 Enti afei, yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne ne nkotɔsrɛ, na Yehowa, wo nti, ma w’anim nhyerɛn+ wo kronkronbea a adane amamfõ no so.+ 18 O me Nyankopɔn, yɛ aso tie.+ Bue w’ani na hwɛ yɛn amamfoyɛ ne kuro a wo din da soɔ no.+ Ɛnyɛ yɛn tenenee nnwuma nti na yɛde yɛn nkotɔsrɛ aba w’anim yi,+ na mmom wo mmɔborɔhunu+ bebrebe no ntira. 19 O Yehowa, tie yɛn.+ O Yehowa, fa firi yɛn.+ O Yehowa, yɛ aso na keka wo ho.+ O me Nyankopɔn, wo din nti, ntwentwɛn wo nan ase,+ ɛfiri sɛ wo din na ɛda wo kuro ne wo man soɔ.”+
20 Berɛ a megu so rekasa bɔ mpaeɛ na mereka me bɔne+ ne me man Israel bɔne+ na mede me Nyankopɔn bepɔ kronkron+ ho adesrɛ reto Yehowa me Nyankopɔn anim no, 21 aane, berɛ a megu so rekasa bɔ mpaeɛ no, hwɛ, ɔbarima Gabriel+ a mehunuu no anisoadehunu a ɛdi kan+ no mu no, berɛ a ɔbrɛ dodoɔ baeɛ no, ɔbaa me nkyɛn anwummerɛ afɔrebɔ berɛ no.+ 22 Na ɔmaa metee aseɛ, na ɔne me kasaa sɛ:
“Daniel, mafiri aba sɛ merebɛma woanya nhunumu ne nteaseɛ.+ 23 Wo nkotɔsrɛ mfitiaseɛ no, menyaa nkra, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, ɛfiri sɛ wɔpɛ w’asɛm paa.+ Enti dwendwene+ asɛm no ho, na te deɛ woahunu no ase.
24 “Wɔahyɛ adapɛn aduɔson wɔ wo man+ ne wo kuro kronkron+ no ho sɛ mmarato to ntwa+ na bɔne mmra awieeɛ,+ na wɔmpata mfomsoɔ,+ na wɔmfa tenenee mmra daa,+ na wɔmfa nsɔano+ ntim anisoadehunu ne adiyifoɔ so, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ.+ 25 Na hunu na nya nhunumu sɛ ɛfiri asɛm+ a ɛse wɔnsan nkyekyere Yerusalem nsi n’ananmu+ no so kɔsi sɛ Mesia,+ Ɔkannifoɔ+ no, bɛba no bɛyɛ adapɛn nson ne adapɛn aduosia mmienu.+ Wɔbɛsan akyekyere ama no asi n’ananmu na anya abɔnten kɛseɛ ne nsuka, nanso wɔbɛyɛ no ahokyerɛ berɛ mu.
26 “Adapɛn aduosia mmienu no akyi no, wɔbɛtwa Mesia afiri hɔ,+ na ɛrenka no hwee.+
“Na kuro no ne kronkronbea+ no, ɔkannifoɔ a ɔbɛba no nkurɔfoɔ bɛsɛe no.+ N’awieeɛ bɛba sɛ nsuyire. Akodie bɛkɔ so akɔsi sɛ awieeɛ no bɛduro; deɛ wɔahyɛ ato hɔ ne amamfoyɛ.+
27 “Ɔbɛma apam+ no ayɛ adwuma ama nnipa pii dapɛn baako,+ na ɛduru dapɛn no fã a, ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ agyae.+
“Akyiwadeɛ ntaban so na deɛ ɔde amamfoyɛ+ bɛba no bɛfa aba; deɛ wɔahyɛ ato hɔ no bɛhwie agu amamfõ no so akɔsi sɛ ɔsɛeɛ pasaa no bɛba.”+