Dwom 9:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ɔno na ɔbɛbu asase atɛn tenenee mu;+Ɔbɛdi amanaman asɛm teeyɛ mu.+ Dwom 31:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 O Yehowa, wo na madwane abɛtoa woɔ.+Mma m’anim nngu ase da.+Wo tenenee mu na gye me.+ Dwom 89:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Tenenee ne atemmuo yɛ w’ahennwa nnyinasoɔ;+Adɔeɛ ne nokorɛ wɔ w’anim.+ Yesaia 26:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɛduru anadwo a, me kra ani gyina wo,+ na mede honhom a ɛwɔ me mu nyinaa hwɛ wo kwan,+ ɛfiri sɛ sɛ wobu asase atɛn+ a, asase sofoɔ nyinaa sua+ adetenenee.+
9 Ɛduru anadwo a, me kra ani gyina wo,+ na mede honhom a ɛwɔ me mu nyinaa hwɛ wo kwan,+ ɛfiri sɛ sɛ wobu asase atɛn+ a, asase sofoɔ nyinaa sua+ adetenenee.+