Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
31 O Yehowa, wo na madwane abɛtoa woɔ.+
Mma m’anim nngu ase da.+
Wo tenenee mu na gye me.+
2 Yɛ asõ ma me.+
Gye me ntɛm so.+
Bɛyɛ me botan abandenden+
Ne efie abandenden, na gye me.+
3 Ɛfiri sɛ wone me botan ne m’abandenden;+
Na wo din nti,+ wobɛdi m’anim na woakɔgya me.+
4 Wobɛyi me afiri asau a wɔde ahunta me no mu,+
Ɛfiri sɛ wone me dwankɔbea.+
5 Wo nsam na mede me honhom ahyɛ.+
O Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn,+ woagye me.+
6 Mekyiri wɔn a wɔdi abosonhuhuo a mfasoɔ biara nni wɔn soɔ+ akyi no;
Me deɛ, Yehowa na mede me ho to ne soɔ.+
7 M’ani bɛgye na madi ahurisie w’adɔeɛ mu,+
Ɛfiri sɛ woahunu m’amanehunu;+
Wonim me kra ahohia,+
8 Na woamfa me anhyɛ atamfo nsa.+
Wode me nan asi deɛ ɛhɔ trɛ.+
9 O Yehowa, dom me, na me ho akyere me.+
Ahometeɛ ama m’ani resɛe,+ ɛne me kra ne me yafunu.+
10 Me nkwa aba awieeɛ awerɛhoɔ mu,+
Na me mfeɛ nso, ahomeguo mu na aba awieeɛ.+
Me mfomsoɔ nti m’ahoɔden so ate,+
Na me nnompe mu ayɛ mmerɛ.+
11 Mayɛ ahohoradeɛ+ wɔn a wɔtan me+ ani so,
Madane ahohoradeɛ kɛseɛ ama m’afipamfoɔ;+
M’amannifoɔ suro me.+
Sɛ mefiri adi na wɔhu me a, wɔdwane.+
12 Wɔn werɛ afiri me sɛ owufoɔ a wɔnkae no bio;+
Mayɛ sɛ anwenneɛ a abɔ.+
13 Mate nnipa bebree nsekuro+ no;
Ahudeɛ atwa me ho ahyia.+
Sɛ wɔhyia tu me ho agyina+ a,
Ná ɛyɛ me kra a wɔpɛ sɛ wɔyi firi hɔ no na wɔrebɔ ho pɔ.+
14 Nanso me deɛ, wo na mede me ho to wo soɔ, O Yehowa.+
Maka sɛ: “Wone me Nyankopɔn.”+
15 Me nna hyɛ wo nsa.+
Gye me firi m’atamfo ne m’ataafoɔ nsam.+
16 Te w’anim kyerɛ w’akoa.+
Gye me w’adɔeɛ so.+
17 O Yehowa, mma m’anim nngu ase, ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo.+
Ma nnebɔneyɛfoɔ anim ngu ase;+
Ma wɔnka wɔn ano ntom wɔ Adamena mu.+
18 Ma atorofoɔ nka wɔn ano ntom;+
Wɔn na wɔde ahantan ne animtiabuo keka ɔteneneeni ho nsɛm+ a wɔnnyaeɛ.+
19 Hwɛ sɛdeɛ wo papayɛ a wode asie ama wɔn a wɔsuro woɔ+ no dɔɔso fa!+
Wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ no na wode ma wɔn
Wɔ nnipa mma anim.+
20 Wobɛkora wɔn so w’anim ahuntaeɛ mu+
Afiri nnipa a wɔabɔ kyenkuo anim.+
Wobɛkora wɔn so wɔ wo sese mu afiri kɛtrɛma a ɛham ho.+
21 Nhyira nka Yehowa,+
Ɛfiri sɛ wayɛ adɔeɛ kɛseɛ+ ama me wɔ kuro a atamfo atwa ho ahyia mu.+
22 Me deɛ, ahopopoɔ mu na mekaa sɛ:+
“Mɛsɛe afiri w’ani so.”+
Mesu mefrɛɛ wo, na wotiee me nkotɔsrɛ nne.+
23 Yehowa anokwafoɔ nyinaa, monnɔ no.+
Yehowa bɔ anokwafoɔ nyinaa ho ban,+
Na ahantanfoɔ deɛ, ɔtua wɔn ka ma no boro so.+
24 Monnya akokoɔduro, na mo bo nyɛ duru,+
Mo a moretwɛn Yehowa nyinaa.+