Dwom
Dawid dwom. Maskil.*
32 Anigyeɛ ne onipa a wɔde ne mmarato afiri no na wɔakata ne bɔne soɔ.+
3 Memuaa m’ano no, me mu apinisie wewee me nnompe mu daa.+
4 Wo nsa yɛɛ duru me so+ adekyeeɛ ne adesaeɛ.
Na me mu nsuo nyinaa twee sɛdeɛ nsuo we ɛpɛ berɛ mu+ no. Sela.
5 Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomsoɔ so+ bio.
Mekaa sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+
Na wo nso wode me bɔne ne me mfomsoɔ firii me.+ Sela.
6 Yei nti nokwafoɔ biara bɛbɔ wo mpaeɛ+
Berɛ a ɔbɛtumi ahu woɔ no.+
Na nsuyire kɛseɛ deɛ, ɛrenka no da.+
7 Wone me huntabea; wobɛkora me so na mankɔ ahohia mu.+
Na wode nkwagyeɛ ahurisi dwom na ɛbɛtwa me ho ahyia.+ Sela.
9 Monnyɛ mo ho sɛ apɔnkɔ anaa mfunumupɔnkɔ a wɔnnim nyansa+
A wɔde nnareka anaa homa na ɛtwe wɔn+
Ansa na wɔaba mo nkyɛn no.”+
Na deɛ ɔde ne ho to Yehowa soɔ no deɛ, adɔeɛ nko ara na ɛtwa ne ho hyia.+