Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.
31 O Yehowa, wo na mede wo ayɛ me dwankɔbea.+
Mma m’anim nngu ase da.+
Wo tenenee nti gye me.+
Yɛ ntɛm bɛgye me.+
Bɛyɛ sɛ abandenden a ɛwɔ botan mu ma me,
Na yɛ sɛ dwankɔbea a ɛhɔ yɛ den, na gye me.+
5 Wo nsam na mede me honhom hyɛ.+
O Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn,* woagye me.+
6 Wɔn a wɔdi abosonhuhuo a mfasoɔ biara nni so akyi no, mekyiri wɔn;
Me deɛ, Yehowa na mede me ho ato ne so.
7 Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, mɛdi ahurisie kɛse,
Ɛfiri sɛ woahu m’amanehunu,+
Na wonim m’ahohia* bebrebe no.
9 O Yehowa, dom me, na me ho hiahia me.
Awerɛhoɔ ama m’ani resɛe,+ na aka me nipadua nyinaa.*+
Me mfomsoɔ nti m’ahoɔden so rete,
Na me nnompe mu ayɛ mmerɛ.+
M’amannifoɔ suro me.
Wɔhu me wɔ abɔnten a, na wɔredwane.+
12 Wɔayi me adi wɔ wɔn akoma mu te sɛ obi a wawuo; wɔnkae me bio.
Mayɛ sɛ ahina a abɔ.
14 Nanso me deɛ, mede me ho ato wo so, O Yehowa.+
Mɛka sɛ: “Wone me Nyankopɔn.”+
15 Me nkwa nna hyɛ wo nsa.
Gye me firi m’atamfo ne wɔn a wɔtaa me no nsam.+
Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, gye me.
17 O Yehowa, sɛ mesu frɛ wo a, mma m’anim nngu ase.+
18 Ma atorofoɔ nka wɔn ano ntom;+
Wɔn na wɔde ahantan ne ahomasoɔ keka ateneneefoɔ ho nsɛm de gu wɔn anim ase.
Wode asie ama wɔn a wɔsuro wo no,+
Na wɔn a wɔde wo yɛ dwankɔbea no, woda no adi kyerɛ wɔn wɔ nnipa nyinaa anim.+
20 Wobɛkora wɔn so w’anim wɔ wo hintabea+
Na nnipa a abɔ wɔn ho pɔ no annya wɔn.
Wode wɔn bɛsie wo ntomadan mu
21 Ayeyie nka Yehowa,
Ɛfiri sɛ wada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me paa+ wɔ kuro a atamfo atwa ho ahyia mu.+
22 Me deɛ, ehu kaa me na mekaa sɛ:
“Mɛyera afiri w’anim.”+
Nanso, mesu frɛɛ wo, na wotiee me sufrɛ.+