Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Mut-laben so. Dawid dwom.
א [ʼAʹleph]
9 Mede m’akoma nyinaa mɛkamfo wo, O Yehowa;+
Mɛka w’anwanwadwuma nyinaa ho asɛm.+
2 Mɛdi ahurisie na manya anigyeɛ wo mu,+
O Ɔsorosoroni, mɛto dwom ama wo din.+
ב [Behth]
3 Sɛ m’atamfo san wɔn akyi a,+
Wɔbɛsunti na wɔayera w’anim.+
4 Ɛfiri sɛ woabu atɛn, na woadi m’asɛm ama me;+
Woatena ahennwa so abu atɛn tenenee mu.+
ג [Giʹmel]
5 Woaka amanaman anim,+ na woasɛe nnebɔneyɛfoɔ.+
Woapepa wɔn din korakora, daa afebɔɔ.+
6 O ɔtamfo, wo sɛeɛ korakora aba,+
Ɛne nkuro a woatutu aseɛ no nso.+
Wɔn din mpo bɛyera.+
ה [Heʼ]
7 Yehowa deɛ, ɔbɛtena ahennwa so akɔsi daa,+
Na ɔde n’atemmuo adwa+ bɛtim hɔ pintinn.
8 Ɔno na ɔbɛbu asase atɛn tenenee mu;+
Ɔbɛdi amanaman asɛm teeyɛ mu.+
ו [Waw]
9 Yehowa bɛyɛ abantenten ama ɔwerɛhoni,+
Ahohia berɛ mu abantenten.+
10 Wɔn a wɔnim wo din de wɔn ho bɛto wo so,+
Na wɔn a wɔhwehwɛ woɔ no, O Yehowa, worennya wɔn.+
ז [Zaʹyin]
11 Monto dwom mma Yehowa a ɔte Sion+ no;
Monka ne nnwuma ho asɛm amanaman mu.+
12 Sɛ ɔhwehwɛ mogyahwiegufoɔ+ a, ɔbɛkae ne nkurɔfoɔ;+
Ne werɛ remfiri mmɔborɔni sufrɛ da.+
ח [Chehth]
13 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa; hwɛ sɛdeɛ m’atamfo hiahia me ho,+
O wo a woma me so firi owuo apono ano,+
14 Na ama matumi aka w’ayeyie nnwuma+ nyinaa
Sion babaa+ apono ano,+
Na manya anigyeɛ wo nkwagyeɛ mu.+
ט [Tehth]
15 Amanaman no atɔ amena a wɔatuo mu;+
Asau+ a wɔde huntaeɛ no, ayi wɔn ara nan.+
16 Yehowa nam atɛn a ɔbuo so ma wɔhu no.+
Ɔdebɔneyɛfoɔ nsa ano adwuma na ɛsum no fidie.+
Higayon. Sela.
י [Yohdh]
17 Nnebɔneyɛfoɔ+ bɛsan akɔ Adamena mu,+
Aman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn no nyinaa.+
18 Ɛnyɛ da biara na wɔrenkae ohiani,+
Na ɛnyɛ da biara na ahobrɛasefoɔ anidasoɔ bɛyera.+
כ [Kaph]
19 O Yehowa, sɔre ɛ! Mma onipa dasani nnni nkonim.+
Ma wɔmmu amanaman no atɛn w’anim.+
20 Ma wɔmmɔ hu, O Yehowa,+
Na amanaman no nhunu sɛ wɔyɛ nnipa ara kwa.+ Sela.