ל [Laʹmedh]
10 O Yehowa, adɛn nti na wogyina akyirikyiri?+
Adɛn nti na wode wo ho hunta ahohia berɛ mu?+
2 Ahantan nti nnebɔneyɛfoɔ tĩ mmɔborɔni dendeenden;+
Wɔde wɔn tirimbɔ kye mmɔborɔni.+
3 Ɔdebɔneyɛfoɔ hoahoa ne ho adebɔne a ne kra kɔn dɔ ho,+
Na deɛ ɔpɛ mfaso bɔne+ no hyira ne ho;
נ [Nun]
Wabu Yehowa animtia.+
4 Ɔdebɔneyɛfoɔ ahomasoɔ nti, ɔnhwehwɛ Onyankopɔn;+
Ne tirim adwene nyinaa ne sɛ: “Onyankopɔn biara nni hɔ.”+
5 N’akwan si no yie daa nyinaa.+
W’atemmusɛm wɔ soro dodo ma no;+
Wɔn a wɔtan no nyinaa, ɔbu wɔn animtia.+
6 Ɔka no n’akomam sɛ: “Merenhim ara da;+
Mmusuo biara remma me so awoɔ ntoatoasoɔ akyi awoɔ ntoatoasoɔ mu.”+
פ [Peʼ]
7 Ntanka ne nnaadaa ne amimdie ahyɛ n’anom ma.+
Ɔhaw ne bɔne hyɛ ne kɛtrɛma ase.+
8 Ɔtenatena nkuraa ahuntaeɛ mu;
Ɔfiri ahuntaeɛ mu kum deɛ ne ho nni asɛm.+
ע [ʽAʹyin]
N’ani kyini hwehwɛ deɛ n’asɛm ayɛ mmɔbɔ.+
9 Ɔtetɛ ahuntaeɛ mu sɛ gyata a watɛ wɔ wuram.+
Ɔtɛ+ sɛ ɔbɛto akye mmɔborɔni de no akorɔ.
Ɔtwetwe n’atena, na ɔde kye mmɔborɔni kɔ.+
10 Ɔbubu mmɔborɔni ma no koto,
Na ɔde ne nsa a emu yɛ den no sɔ wɔn a wɔabotoɔ dɔm mu.+
11 Ɔka no n’akomam sɛ:+ “Onyankopɔn werɛ afiri.+
Wayi n’ani ato nkyɛn.+
Na ɔrenhunu da.”+
ק [Qohph]
12 O Yehowa, sɔre ɛ.+ Onyankopɔn, ma wo nsa so ɛ.+
Mma wo werɛ mmfiri mmɔborɔni.+
13 Adɛn nti na ɔdebɔneyɛfoɔ bu Onyankopɔn animtia?+
Ɔka no n’akomam sɛ: “Woremmu atɛn.”+
ר [Rehsh]
14 Wo na wohwɛ ɔhaw ne ateetee.
Wohwɛ sɛ wo nsa bɛka wɔn.+
Wo na agyanka mmɔborɔni+ de ne ho to wo soɔ.
Ne boafoɔ ne wo.+
ש [Shin]
15 Bubu ɔdebɔneyɛfoɔ ne omumuyɔfoɔ basa.+
Hwehwɛ n’amumuyɔ mu kɔsi sɛ wonhunu bio.+
16 Yehowa yɛ Ɔhene kɔsi mmerɛsanten, kɔsi daa.+
Amanaman no ayera afiri asase so.+
ת [Taw]
17 Ahobrɛasefoɔ sufrɛ deɛ, O Yehowa, wobɛtie.+
Wobɛsiesie wɔn akoma.+
Wobɛyɛ aso,+
18 Na woadi agyanka ne ɔwerɛhoni asɛm ama wɔn,+
Na nipa dasani a ɔfiri asase mu anhunahuna wɔn bio.+