Dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
2 Na hwɛ! nnebɔneyɛfoɔ akuntunu agyan mu,+
Wɔde dua no asi agyan homa no so
Sɛ wɔrebɛto no sum mu awɔ akomam teefoɔ.+
4 Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+
Yehowa deɛ, n’ahennwa wɔ soro.+
N’ani tua biribiara, n’aniwa na ɔde pɛɛpɛɛ nnipa mma mu.+
5 Yehowa na ɔpɛɛpɛɛ ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛfoɔ mu,+
Na obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, Ne kra kyiri no koraa.+