Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.
Enti ɛyɛ dɛn na moka kyerɛ me* sɛ:
“Dwane sɛ anomaa kɔ bepɔ so!
2 Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ akuntunu agyan mu,
Wɔde agyan dua no asi ahoma no so
Sɛ wɔrebɛto no sum mu akɔwɔ akomam teefoɔ.
3 Berɛ a fapem no asɛe yi,
Ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?”
4 Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+
Yehowa ahennwa wɔ soro.+
N’ani tua biribiara, na n’ani na ɔde pɛɛpɛɛ nnipa mma mu.+
6 Ɔbɛma mmusuo* atɔ agu nnebɔneyɛfoɔ so;
Kuruwa a ɛbɛyɛ wɔn kyɛfa ne egya ne sɔfe*+ ne mframa a emu yɛ hye.