Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔnto no Seminit so. Dawid dwom.
12 O Yehowa, gye me, na nokorɛdifoɔ asa;
Anokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu.
2 Nkontomposɛm na obiara keka kyerɛ ne yɔnko;
Wɔdɛfɛdɛfɛ nkurɔfoɔ, na wɔdaadaa wɔn.+
3 Yehowa bɛtwa ano biara a ɛdɛfɛdɛfɛ nkurɔfoɔ
Ne kɛtrɛma a ɛhoahoa ne ho afiri hɔ;+
4 Wɔn na wɔka sɛ: “Yɛde yɛn kɛtrɛma bɛdi nkonim.
Yɛde yɛn ano bɛka deɛ yɛpɛ biara;
Hwan na ɔbɛtumi adi yɛn so?”+
5 “Mmɔborɔwa a wɔhyɛ ne so
Ne ohiani apinisie nti,+
Mɛsɔre akeka me ho,” Yehowa na ɔseɛ.
“Mɛgye wɔn afiri wɔn a wɔbu wɔn animtia no nsam.”
6 Yehowa nsɛm ho te;+
Ɛte sɛ dwetɛ a wɔayiyi mu wɔ egya fononoo mu, deɛ wɔapa mu mprɛ nson.
7 O Yehowa, wobɛhwɛ wɔn so;+
Wobɛbɔ wɔn mu biara ho ban daa afiri awoɔ ntoatoasoɔ yi ho.
8 Nnebɔneyɛfoɔ tumi kɔ baabiara a wɔpɛ,
Ɛfiri sɛ brabɔne na nnipa mma bɔ gye so.+