Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Mut-laben so. Dawid dwom.
א [Aleph]
9 O Yehowa, mede m’akoma nyinaa bɛyi wo ayɛ;
Mɛka w’anwanwadwuma nyinaa ho asɛm.+
2 Mɛdi ahurisie na manya wo mu anigyeɛ;
O Ɔsorosoroni, mɛto ayeyi nnwom ama wo din.+
ב [Beth]
3 Sɛ m’atamfo dane wɔn ho dwane a,+
Wɔbɛsunti na wɔayera wɔ w’anim.
4 Wodi m’asɛm ma me;
Wotena w’ahennwa so bu atɛntenenee.+
ג [Gimel]
5 Woaka amanaman anim,+ na woasɛe nnebɔneyɛfoɔ.
Woapepa wɔn din afiri hɔ korakora.
6 Ɔtamfo ahwe ase afebɔɔ;
Woaka wɔn nkuro agu,
Na wɔn din bɛyera koraa.+
ה [He]
7 Yehowa deɛ, ɔte n’ahennwa so daa;+
Ɔde n’adwa atim hɔ pintinn, na ɔbɛbu atɛntenenee.+
8 Ɔbɛbu asaase so nnipa atɛn wɔ tenenee mu;+
Ɔbɛbu atɛntenenee ama amanaman no.+
ו [Waw]
9 Yehowa bɛyɛ dwankɔbea a ɛyɛ den ama mmɔborɔwafoɔ;+
Ɔbɛyɛ ahohia berɛ mu dwankɔbea.+
10 Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,+
Na wɔn a wɔhwehwɛ wo no, wo Yehowa, worennya wɔn da.+
ז [Zayin]
11 Monto ayeyi nnwom mma Yehowa a ɔte Sion no;
Monka ne nnwuma ho asɛm wɔ amanaman mu.+
12 Ɔbɛkae mmɔborɔwa na wabisa ne mogya afiri n’atamfo nsam;+
Ne werɛ remfi ne sufrɛ da.+
ח [Heth]
13 O Yehowa, hwɛ sɛdeɛ m’atamfo ma me ho hiahia me; hu me mmɔbɔ,
Wo a woma me so firi owuo apono ano no.+
14 Ɛno bɛma matumi aka w’ayeyie nnwuma wɔ Sion babaa apono ano,+
Na manya anigyeɛ wɔ wo nkwagyeɛ nnwuma mu.+
ט [Teth]
15 Amanaman no atɔ amena a wɔatu mu;
Asau a wɔde hintaeɛ no asɔ wɔn ankasa nan.+
16 Atɛn a Yehowa bu no ma nkurɔfoɔ hu no.+
Ɔdebɔneyɛfoɔ nsa ano adwuma na ɛsum no fidie.+
Higayon. (Sela)
י [Yod]
17 Nnebɔneyɛfoɔ bɛdane wɔn ho de wɔn ani akyerɛ Adamena;
Ɛhɔ na aman a wɔn werɛ afi Onyankopɔn no nyinaa bɛkɔ.
18 Onyankopɔn werɛ remfi ohiani,+
Na deɛ ahobrɛasefoɔ ani da so nso renyera da.+
כ [Kaph]
19 O Yehowa, sɔre! Mma onipa dasani nnni nkonim.
Ma wɔmmu amanaman no atɛn wɔ w’anim.+
20 O Yehowa, ma wɔmmɔ hu,+
Ma amanaman no nhu sɛ wɔyɛ nnipa ara kwa. (Sela)