Exodus 14:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Mɛma kwan ama Farao akoma apirim+ na ɔbɛti wɔn, na mede Farao ne n’asraafoɔdɔm bɛhyɛ me ho animuonyam,+ na deɛ ɛteɛ biara Egyptfoɔ bɛhu sɛ mene Yehowa.”+ Enti wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. Yosua 2:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 ɛfiri sɛ yɛate sɛdeɛ Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no wee wɔ mo anim berɛ a mofiri Egypt reba no,+ ne deɛ mode yɛɛ Amorifoɔ ahemfo mmienu, Sihon+ ne Og+ a mosɛee wɔn wɔ Yordan agya* no. 2 Ahemfo 19:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Enti afei, O Yehowa, yɛn Nyankopɔn, yɛsrɛ wo, gye yɛn firi ne nsam na asaase so ahennie nyinaa nhu sɛ wo, Yehowa, wo nko ara ne Onyankopɔn.”+
4 Mɛma kwan ama Farao akoma apirim+ na ɔbɛti wɔn, na mede Farao ne n’asraafoɔdɔm bɛhyɛ me ho animuonyam,+ na deɛ ɛteɛ biara Egyptfoɔ bɛhu sɛ mene Yehowa.”+ Enti wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
10 ɛfiri sɛ yɛate sɛdeɛ Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no wee wɔ mo anim berɛ a mofiri Egypt reba no,+ ne deɛ mode yɛɛ Amorifoɔ ahemfo mmienu, Sihon+ ne Og+ a mosɛee wɔn wɔ Yordan agya* no.
19 Enti afei, O Yehowa, yɛn Nyankopɔn, yɛsrɛ wo, gye yɛn firi ne nsam na asaase so ahennie nyinaa nhu sɛ wo, Yehowa, wo nko ara ne Onyankopɔn.”+