Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Genesis 4:9, 10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Akyire yi, Yehowa bisaa Kain sɛ: “Wo nua Habel wɔ he?” Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Mennim. Adɛn, me na mehwɛ me nua no so anaa?” 10 Ɛnna Onyankopɔn kaa sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua no mogya firi asaase so reteam frɛ me.+

  • Genesis 9:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Afei nso, abɔdeɛ a ɛte ase biara a ɔbɛka mo mogya a ɛyɛ mo nkwa* agu no, mɛma no abu ho akonta. Sɛ onipa ka ne yɔnko mogya gu a, mɛma no abu ho akonta, ɛfiri sɛ ɔyɛ ne nua.+

  • Deuteronomium 32:43
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 43 Amanaman, mo ne ne man ani nnye,+

      Ɔbɛtua n’atamfo so ka,+

      Ɔbɛbisa ne nkoa mogya afiri wɔn nsam,+

      Na ɔbɛpata ama ne nkurɔfoɔ asaase.”*

  • 2 Ahemfo 9:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Ɛnna Yehu twee agyan to wɔɔ Yehoram akyi maa no kɔpuee n’akomam, na ɔtwa hwee ne teaseɛnam no mu.

  • 2 Ahemfo 9:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 ‘“Ampa, ɛnnora mehuu Nabot mogya+ ne ne mma mogya,” Yehowa asɛm nie, “asaase yi ara so na mɛtua wo ka,”+ Yehowa asɛm nie.’ Enti ma ne so to no twene asaase no so sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.”+

  • 2 Ahemfo 24:3, 4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Ɛyɛ Yehowa asɛm a ɔkaeɛ no na ampa ara ɛbaa mu wɔ Yuda so. Ɔkaa sɛ ɔbɛto wɔn afiri n’anim atwene+ ɛsiane bɔne a Manase yɛeɛ nyinaa+ 4 ne mogya a ɛdi bem a ɔhwie guiɛ nti,+ ɛfiri sɛ ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma. Ɛno nti Yehowa ampɛ sɛ ɔde bɔne no bɛkyɛ.+

  • Luka 11:49-51
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 49 Wei nti na Onyankopɔn nyansa nso kaa sɛ: ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ wɔn nkyɛn, na wɔbɛkum wɔn mu binom, na wɔatan ebinom ani. 50 Ɛno nti, adiyifoɔ mogya a wɔahwie agu firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase* no nyinaa, wɔbɛbisa afiri awoɔ ntoatoasoɔ yi+ hɔ, 51 ɛfiri Habel mogya+ so kɔsi Sakaria a wɔkuu no afɔrebukyia ne asɔrefie no ntam+ no mogya so.’ Aane, mereka akyerɛ mo sɛ wɔbɛbisa afiri awoɔ ntoatoasoɔ yi hɔ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane