Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
9 Ɛnna odiyifoɔ Elisa frɛɛ adiyifoɔ mma no baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa ntoma kyekyere w’asene, na yɛ ntɛm fa ngo toa yi kɔ Ramot-Gilead.+ 2 Sɛ woduru hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu+ wɔ hɔ; kɔ ne nkyɛn na ma no nsɔre mfiri ne nuanom mu, na fa no kɔ pia mu. 3 Afei fa ngo toa no na hwie ngo no gu ne tirim, na ka sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Masra wo asi wo hene wɔ Israel so.”’+ Wowie a, bue pono no na dwane firi hɔ ntɛm.”
4 Enti odiyifoɔ no somfoɔ sii kwan so kɔɔ Ramot-Gilead. 5 Berɛ a ɔduruu hɔ no, na asahene no tete hɔ, na ɔkaa sɛ: “Ɔsahene, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ wo.” Ɛnna Yehu bisaa no sɛ: “Yɛn mu hwan?” Na ɔkaa sɛ: “Ɔsahene, ɛyɛ wo ara.” 6 Enti Yehu sɔre kɔɔ fie hɔ, na ɔsomfoɔ no hwiee ngo no guu ne tirim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: ‘Masra wo asi wo hene wɔ Yehowa man Israel so.+ 7 Kunkum wo wura Ahab fiefoɔ, na mɛma Yesebel atua me nkoa adiyifoɔ no ne Yehowa nkoa a ɔkunkum wɔn no nyinaa mogya ho ka.+ 8 Na Ahab fiefoɔ nyinaa bɛwuwu; ɔbarima* biara a ɔwɔ Ahab fie no, mɛku no, Israel nipahunu a wɔmfa no nyɛ hwee mpo, mɛku no.+ 9 Na mɛsɛe Ahab fie sɛdeɛ mesɛee Nebat ba Yeroboam+ fie ne Ahiya ba Baasa+ fie no. 10 Na Yesebel deɛ, nkraman na ɛbɛdi ne nam wɔ Yesreel asaase no so,+ na obiara rensie no.’” Ɔkaa saa no, ɔbuee pono no dwaneeɛ.+
11 Berɛ a Yehu san kɔɔ ne wura nkoa no nkyɛn no, wɔbisaa no sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ anaa? Adɛn nti na bɔdamfoɔ yi baa wo nkyɛn?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara monim ɔbarima yi ne sɛdeɛ ɔkeka ne nsɛm.” 12 Nanso wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ nokorɛ! Yɛsrɛ wo, deɛ ɔkaeɛ no, ka kyerɛ yɛn.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔka kyerɛɛ me nie, ɛnna ɔka kaa ho sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka ne sɛ: “Masra wo asi wo hene wɔ Israel so.”’”+ 13 Ɛhɔ ara na wɔn nyinaa yɛɛ ntɛm yiyii wɔn ntoma, na wɔde sesɛɛ fam wɔ stɛps no so maa no,+ na wɔbɔɔ abɛn kaa sɛ: “Yehu abɛyɛ ɔhene!”+ 14 Ɛnna Nimsi ba Yehosafat ba Yehu+ bɔɔ Yehoram ho pɔ.
Saa berɛ no, Siria hene Hasael+ nti, na Yehoram ne Israel nyinaa rebɔ Ramot-Gilead+ ho ban. 15 Akyire yi, Ɔhene Yehoram san kɔɔ Yesreel+ sɛ ɔrekɔsa ne ho yareɛ, ɛfiri sɛ berɛ a ɔne Siria hene Hasael kɔkoeɛ no,+ Siriafoɔ piraa no.
Afei Yehu kaa sɛ: “Sɛ mowɔ m’afã* a, ɛnneɛ mommma obiara nnnwane mmfiri kuro no mu nnkɔbɔ amanneɛ wɔ Yesreel.” 16 Ɛnna Yehu tenaa ne teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel, ɛfiri sɛ na Yehoram apira da hɔ, na Yuda hene Ahasia nso kɔ hɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Yehoram. 17 Ná ɔwɛmfoɔ gyina Yesreel aban no so, na ɔhuu sɛ Yehu ne ne dɔm reba. Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Mehu nnipadɔm bi sɛ wɔreba.” Yehoram kaa sɛ: “Soma ɔpɔnkɔsotefoɔ ma no nkɔhyia wɔn na ɔmmisa sɛ, ‘Wode asomdwoeɛ na ɛnam anaa?’” 18 Enti obi a ɔte pɔnkɔ so kɔhyiaa no na ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhene aka nie, ‘Wode asomdwoeɛ na ɛnam anaa?’” Ɛnna Yehu kaa sɛ: “Wonim deɛ wɔfrɛ no ‘asomdwoeɛ’? Dane wo ho bɛdi m’akyi!”
Ɛnna ɔwɛmfoɔ no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔbɔfoɔ no kɔduruu wɔn nkyɛn nanso wansan amma.” 19 Enti ɔsomaa ɔpɔnkɔsotefoɔ a ɔtɔ so mmienu, na ɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhene aka nie, ‘Wode asomdwoeɛ na ɛnam anaa?’” Ɛnna Yehu kaa sɛ: “Wonim deɛ wɔfrɛ no ‘asomdwoeɛ’? Dane wo ho bɛdi m’akyi!”
20 Ɛnna ɔwɛmfoɔ no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔkɔduruu wɔn nkyɛn nanso wansan amma, na mehwɛ sɛdeɛ teaseɛnam no reba no a, ɛte sɛ deɛ Nimsi banana* Yehu na ɔreka; ɔka no sɛdeɛ wabɔ dam.” 21 Ɛnna Yehoram kaa sɛ: “Siesie teaseɛnam no!” Enti wɔsiesiee teaseɛnam a ɔde kɔ ɛko no maa no, na Israel hene Yehoram ne Yuda hene Ahasia+ tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu sɛ wɔrekɔhyia Yehu. Wɔkɔtoo no wɔ Yesreelni Nabot asaase+ no so.
22 Berɛ a Yehoram huu Yehu no, ntɛm ara na ɔkaa sɛ: “Yehu, wode asomdwoeɛ na ɛnam anaa?” Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Berɛ a wo maame Yesebel+ adwamammɔ ne n’asumansɛm+ bebrebe no da so wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na asomdwoeɛ aba?” 23 Ntɛm ara na Yehoram danee ne ho sɛ ɔredwane, na ɔka kyerɛɛ Ahasia sɛ: “Ahasia, wanya yɛn!” 24 Ɛnna Yehu twee agyan to wɔɔ Yehoram akyi maa no kɔpuee n’akomam, na ɔtwa hwee ne teaseɛnam no mu. 25 Afei ɔka kyerɛɛ ne boafoɔ Bidkar sɛ: “Ma ne so to no twene Yesreelni Nabot+ asaase no so. Kae sɛ me ne wo nyinaa na na yɛka teaseɛnam di ne papa Ahab akyi berɛ a Yehowa kaa atemmusɛm yi tiaa no sɛ:+ 26 ‘“Ampa, ɛnnora mehuu Nabot mogya+ ne ne mma mogya,” Yehowa asɛm nie, “asaase yi ara so na mɛtua wo ka,”+ Yehowa asɛm nie.’ Enti ma ne so to no twene asaase no so sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.”+
27 Berɛ a Yuda hene Ahasia+ hunuu deɛ ɛrekɔ no, ɔdwane faa turo fie kwan no so. (Akyire yi, Yehu tii no, na ɔkaa sɛ: “Monkum ɔno nso!” Enti berɛ a ɔte teaseɛnam mu rekɔ Gur a ɛbɛn Yibleam+ no, wɔpiraa no. Nanso ɔtoaa so ara kɔduruu Megido, na ɔwuu wɔ hɔ. 28 Ɛnna ne nkoa de no too teaseɛnam mu kɔɔ Yerusalem, na wɔsiee no wɔ ne damena mu kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro+ mu. 29 Ahab ba Yehoram ahennie afe a ɛtɔ so 11 mu na Ahasia+ bɛdii Yuda so hene.)
30 Berɛ a Yehu bɛduruu Yesreel+ no, Yesebel+ teeɛ. Enti ɔde adubire kekaa n’ani akyi, na ɔsiesiee ne tiri ho, na ɔgyinaa mpomma mu hwɛɛ fam. 31 Berɛ a Yehu wuraa kuro no pono mu baeɛ no, ɔbaa no bisaa no sɛ: “Simri a ɔkum ne wura no, ɛsii no yie anaa?”+ 32 Ɛnna ɔno nso maa n’ani so hwɛɛ mpomma no mu, na ɔbisaa sɛ: “Hwan na ɔwɔ m’afã? Hwan?”+ Ɛhɔ ara na nhenkwaa mmienu anaa mmiɛnsa bɛgyinaa hɔ hwɛɛ no wɔ fam hɔ. 33 Ɔkaa sɛ: “Monto no nhwe fam!” Enti wɔtoo no hwee fam, na ne mogya no bi bɔ petee ɔfasuo no ne apɔnkɔ no ho, na n’apɔnkɔ no tiatiaa ne so. 34 Afei ɔkɔɔ mu kɔdidii na ɔnomee, na ɔkaa sɛ: “Mesrɛ mo, monkɔfa ɔbaa busuyɛfoɔ no na monsie no. Anyɛ hwee koraa ɔyɛ ɔhene babaa.”+ 35 Nanso berɛ a wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔsie no no, wɔanhu ne ho hwee sɛ ne tikwankoraa ne ne nan ase ne ne nsayam.+ 36 Berɛ a wɔsan bɛbɔɔ no amanneɛ no, ɔkaa sɛ: “Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa Tisbini Elia so kaeɛ no na aba mu+ no. Ɔkaa sɛ, ‘Nkraman na ɛbɛdi Yesebel nam wɔ Yesreel asaase no so.+ 37 Na Yesebel funu bɛyɛ sɛ sumina* wɔ Yesreel asaase no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obi renka sɛ: “Yesebel nie.”’”