Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
10 Ná Ahab+ wɔ mma mmarima 70 wɔ Samaria. Enti Yehu twerɛɛ krataa de soma kɔɔ Samaria kɔmemaa Yesreel atitire, mpanimfoɔ,+ ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mma so* no sɛ: 2 “Mo wura mma wɔ mo nkyɛn, na nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne kuro a wɔabɔ ho ban ne akodeɛ nso wɔ mo nsam. Enti sɛ mo nsa ka krataa yi a, 3 monyi mo wura mma no mu deɛ ɔdi mu na ɔfata paa,* na momfa no nsi ne papa adwa so, na monko mma mo wura fie.”
4 Nanso ehu kaa wɔn, na wɔkaa sɛ: “Hwɛ! Ahemfo mmienu mpo antumi annyina n’anim,+ na yɛn na yɛbɛtumi?” 5 Enti ahemfie* panin, kuro so hwɛfoɔ, mpanimfoɔ, ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mma so no soma kɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: “Yɛyɛ wo nkoa, na deɛ wobɛka akyerɛ yɛn biara, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara hene. Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so biara, yɛ.”
6 Ɛnna ɔtwerɛɛ wɔn krataa a ɛtɔ so mmienu sɛ: “Mowɔ m’afã na sɛ mobɛtie me a, ɛnneɛ montwitwa mo wura mma mmarima a wɔwɔ mo nkyɛn no ti, na momfa mmrɛ me ɔkyena saa berɛ yi wɔ Yesreel.”
Saa berɛ no, na ɔhene mma 70 wɔ kuro no mu atitire nkyɛn a wɔrehwɛ wɔn. 7 Berɛ a wɔn nsa kaa krataa no ara pɛ, wɔfaa ɔhene mma mmarima 70 no kunkum wɔn,+ na wɔde wɔn ti guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa no wɔ Yesreel. 8 Ɛnna obi bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔde ɔhene mma no ti aba.” Na ɔkaa sɛ: “Mommoaboa ano akuo mmienu mfa ngu ɛkwan no ano nkɔsi anɔpa.” 9 Ɛduruu anɔpa a ɔpueeɛ no, ɔbɛgyinaa nkurɔfoɔ no nyinaa anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ho nni asɛm.* Me na mebɔɔ me wura ho pɔ kum no,+ nanso hwan na ɔkum weinom nyinaa? 10 Enti monhu sɛ Yehowa asɛm biara nni hɔ a Yehowa aka atia Ahab fiefoɔ a ɛremma mu.*+ Yehowa na wama asɛm a ɔnam n’akoa Elia so kae no aba mu.”+ 11 Afei nso, Yehu kunkum Ahab fiefoɔ a wɔaka wɔ Yesreel nyinaa ne n’akunini, ne nnamfo, ne n’asɔfoɔ+ nyinaa, na ne ho nipa biara anka.+
12 Ɛnna ɔsɔre siim sɛ ɔrekɔ Samaria. Ná efie* bi wɔ kwan no so a nnwanhwɛfoɔ twitwa wɔn nnwan ho nwi wɔ hɔ. 13 Na Yehu hyiaa Yuda hene Ahasia+ nuanom, na ɔbisaa wɔn sɛ, “Moyɛ hwannom?” Wɔbuaa sɛ: “Yɛyɛ Ahasia nuanom, na yɛrekɔ akɔhwɛ sɛ ɔhene ne ɔhemmaa* mma no ho yɛ anaa.” 14 Ntɛm ara na ɔkaa sɛ: “Monkye wɔn anikan!” Ɛnna wɔkyee wɔn anikan na wɔkunkum wɔn wɔ abura ho wɔ baabi a nnwanhwɛfoɔ twitwa wɔn nnwan ho nwi no; ná wɔyɛ mmarima 42. Wannya baako mpo.+
15 Ɔfiri hɔ rekɔ no, ɔhuu Rekab+ ba Yehonadab+ sɛ ɔrebɛhyia no. Ɔkyeaa* no, na ɔbisaa no sɛ: “W’akoma di mu wɔ me ho sɛdeɛ m’akoma di mu wɔ wo ho no anaa?”
Yehonadab kaa sɛ: “Aane.”
“Sɛ saa a, ɛnneɛ fa wo nsa to me nsayam.”
Enti ɔde ne nsa too ne nsayam. Na Yehu maa no foro bɛkaa ne ho wɔ teaseɛnam no mu. 16 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛsene kɔgya me na kɔhwɛ sɛdeɛ mereko ama Yehowa.”*+ Enti wɔmaa no kaa ne ho wɔ teaseɛnam no mu ne no kɔe. 17 Ɔkɔduruu Samaria, na ɔkunkum Ahab fiefoɔ a wɔaka wɔ Samaria nyinaa kɔsii sɛ ɔtɔree wɔn ase,+ na ɛno maa Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Elia no baa mu.+
18 Bio nso, Yehu boaboaa ɔman no nyinaa ano, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahab som Baal kakraa bi.+ Yehu deɛ, ɔbɛsom no paa. 19 Enti Baal adiyifoɔ no nyinaa,+ wɔn a wɔsom no nyinaa ne asɔfoɔ no nyinaa,+ momfrɛfrɛ wɔn mmra me nkyɛn. Monnnya baako mpo, ɛfiri sɛ merebɛbɔ afɔreɛ kɛseɛ ama Baal. Obiara a wamma aseɛ no, ɔrentena nkwa mu.” Nanso na Yehu pɛ sɛ ɔfa nyansakwan so kunkum Baal asomfoɔ no nti na ɔyɛɛ saa.
20 Yehu toaa n’asɛm no so sɛ: “Momfa nto dwa na wɔnyɛ nhyiamu titire mma Baal.” Enti wɔde too dwa. 21 Ɛno akyi no, Yehu de nkra kɔɔ Israel nyinaa, na Baal asomfoɔ no nyinaa bɛhyiaam. Baako mpo anka a wamma bi. Wɔbaa Baal fie hɔ* maa Baal fie+ hɔ nyinaa yɛɛ ma. 22 Afei ɔka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ ntaadeɛ so no sɛ: “Fa ntaadeɛ brɛ Baal asomfoɔ no nyinaa.” Enti ɔde ntaadeɛ no brɛɛ wɔn. 23 Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab+ baa Baal fie hɔ. Na ɔka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ: “Monhwɛ mu yie na Yehowa somfoɔ biara ammɛfra mo mu; momma no nka Baal asomfoɔ nko ara.” 24 Afei wɔbaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ, na na Yehu de mmarima 80 agyinagyina abɔnten aka akyerɛ wɔn sɛ: “Sɛ mo mu bi ma mmarima a mede wɔn bɛhyɛ mo nsa no bi dwane a, ɛnneɛ ɔde ne nkwa bɛtwa so.”*
25 Berɛ a ɔwiee ɔhyeɛ afɔreɛ no, ɛhɔ ara na Yehu ka kyerɛɛ awɛmfoɔ* ne akunini no sɛ: “Mommra mmɛkunkum wɔn! Mommma obiara nnnwane.”+ Ɛnna awɛmfoɔ ne akunini no firii aseɛ de sekan kunkum wɔn, na wɔtotoo wɔn afunu guu abɔnten, na wɔkunkum wɔn ara kɔduruu Baal fie no pia* mu. 26 Ɛnna wɔyiyii Baal fie hɔ abosom adum+ no firii adi, na wɔhyee ne nyinaa.+ 27 Afei wɔbubuu Baal bosom dum+ no, na Baal fie+ no nso, wɔbubuiɛ, na wɔde yɛɛ agyananbea de bɛsi nnɛ.
28 Wei ne ɛkwan a Yehu faa so tuu Baal ase firii Israel. 29 Nanso Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no deɛ, Yehu antwe ne ho amfiri ho; sika kɔkɔɔ nantwie mma a na baako si Betel na baako nso si Dan no, wanyi amfiri hɔ.+ 30 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yehu sɛ: “Ɛsiane sɛ woadi asɛmpa na woayɛ deɛ ɛtene wɔ m’ani so, na woayɛ deɛ na ɛwɔ m’akomam sɛ mede bɛyɛ Ahab fiefoɔ nyinaa+ nti, w’asefoɔ bɛtena Israel ahennwa so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nnan so.”+ 31 Nanso Yehu anhwɛ amfa n’akoma nyinaa anni Yehowa, Israel Nyankopɔn Mmara so.+ Wantwe ne ho amfiri bɔne a Yeroboam maa Israel yɛeɛ no ho.+
32 Saa berɛ no, Yehowa maa kwan maa nkurɔfoɔ faa Israel nsaase nkakrankakra; Hasael tuu n’ani sii wɔn so wɔ Israel asaase nyinaa so,+ 33 ɛfiri Yordan ho kɔsi apueeɛ fam, Gileadfoɔ nsaase nyinaa, Gadfoɔ ne Rubenfoɔ ne Manasefoɔ+ deɛ, ɛfiri Aroer a ɛbɛn Arnon Bɔn no ne Gilead ne Basan+ nso.
34 Yehu ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nnwuma akɛseɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 35 Ɛnna Yehu ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Samaria, na ne ba Yehoahas+ bɛdii n’adeɛ. 36 Mfeɛ* dodoɔ a Yehu de dii Israel so hene wɔ Samaria no si mfeɛ 28.