2 Ahemfo
10 Ná Ahab wɔ mma mmarima aduɔson+ wɔ Samaria.+ Enti Yehu twerɛɛ krataa de soma kɔɔ Samaria kɔmemaa Yesreel atitire,+ mpanimfoɔ+ ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mma soɔ no sɛ: 2 “Sɛ mo nsa ka krataa yi a, sɛ́ mo wura mma wɔ mo nkyɛn, na nteaseɛnam ne apɔnkɔ+ ne kuro a wɔabɔ ho ban ne akodeɛ nso wɔ mo nsam yi, 3 monhwehwɛ mo wura mma no mu deɛ ɔyɛ paa a asɛm nni ne ho, na momfa no nsi ne papa adwa so.+ Na monko mma mo wura fie.”
4 Na ehu kɛseɛ kaa wɔn, na wɔkaa sɛ: “Hwɛ! Ahemfo mmienu+ mpo antumi annyina n’anim, na yɛn na yɛbɛtumi agyina?”+ 5 Enti efiepanin no ne kuro so hwɛfoɔ no ne mpanimfoɔ no ne wɔn a wɔhwɛ mma+ no soɔ no soma kɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: “Yɛyɛ wo nkoa, enti deɛ wobɛka akyerɛ yɛn biara, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara hene. Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ biara, yɛ.”
6 Na ɔtwerɛɛ wɔn krataa a ɛtɔ so mmienu sɛ: “Sɛ mowɔ m’afã+ na sɛ me nne na mobɛtie a, ɛnneɛ montwitwa mo wura mma mmarima a wɔwɔ mo nkyɛn no ti,+ na mommra me nkyɛn ɔkyena saa berɛ yi wɔ Yesreel.”+
Saa berɛ no, ɔhene mma mmarima aduɔson na na wɔwɔ kuro no mu atitire nkyɛn a wɔretete wɔn. 7 Berɛ a wɔn nsa kaa krataa no ara pɛ, wɔfaa ɔhene mma aduɔson no kunkum wɔn,+ na wɔde wɔn ti guu nkɛntɛn mu, na wɔsoma de kɔmaa no wɔ Yesreel. 8 Ɛnna ɔbɔfoɔ+ bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔde ɔhene mma no tiri+ aba.” Na ɔkaa sɛ: “Mommoaboa ano akuo mmienu mfa ngu kwan no ano nkɔsi anɔpa.”+ 9 Ɛduruu anɔpa no, ɔfirii adi. Na ɔgyinaa hɔ ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa sɛ: “Moyɛ ateneneefoɔ.+ Me deɛ, mebɔɔ me wura ho pɔ+ kuu no;+ nanso hwan na ɔkum yeinom nyinaa? 10 Enti monhunu sɛ Yehowa asɛm biara nni hɔ a Yehowa aka atia Ahab fiefoɔ+ a ɛbɛtɔ fam na ɛremma mu.+ Yehowa na ayɛ asɛm a ɔnam n’akoa Elia so kaeɛ no.”+ 11 Afei nso, Yehu kunkum obiara a ɔkaa Ahab fie wɔ Yesreel ne n’akunini+ ne ne mfɛfoɔ ne n’asɔfoɔ+ nyinaa, na obiara anka amma no bio.+
12 Na ɔsɔre siim sɛ ɔrekɔ Samaria. Ná nnwanhwɛfoɔ fie a wɔmantam nnwan wom no wɔ kwan no so. 13 Na Yehu hyiaa Yuda hene Ahasia+ nuanom.+ Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhefoɔ ne mo?” na wɔbuaa sɛ: “Yɛyɛ Ahasia nuanom, na yɛrekɔ akɔhwɛ sɛdeɛ ɔhene mma ne ɔhemmaa mma no ho teɛ.” 14 Ntɛm ara na ɔkaa sɛ: “Monkye wɔn animono!”+ Ɛnna wɔkyee wɔn animono na wɔkunkum wɔn wɔ fie a wɔmantam nnwan wom no abura ho; ná wɔyɛ mmarima aduanan mmienu, na wɔannya baako mpo.+
15 Ɔfiri hɔ rekɔ no, ɔhunuu Rekab+ ba Yehonadab+ sɛ ɔrebɛhyia no. Ɔhyiraa+ no, na ɔbisaa no sɛ: “W’akoma di mũ me ho sɛdeɛ m’akoma di mũ wo ho no anaa?”+
Ɛnna Yehonadab kaa sɛ: “Ɛte saa.”
“Sɛ saa a, ɛnneɛ fa wo nsa to me nsayam.”
Enti ɔde ne nsa too ne nsayam. Na ɔmaa no foro bɛtenaa teaseɛnam no mu bi.+ 16 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛsene kɔgya me na kɔhwɛ ninkunu+ a meretwe ama Yehowa.” Na wɔmaa no tenaa teaseɛnam no mu ne no kɔeɛ. 17 Ɔbɛduruu Samaria, na ɔkunkum Ahab ho nnipa a wɔaka Samaria nyinaa kɔsii sɛ ɔtɔree wɔn ase+ sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Elia no teɛ.+
18 Bio nso, Yehu boaboaa ɔman no nyinaa ano, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahab som Baal kakraa bi.+ Yehu deɛ, ɔbɛsom no bebree. 19 Enti momfrɛfrɛ Baal adiyifoɔ+ no nyinaa, wɔn a wɔsom no+ ne asɔfoɔ+ no nyinaa mmra me nkyɛn. Monnnya baako mpo, ɛfiri sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama Baal. Obiara a wamma aseɛ no, ɔrentena nkwa mu.” Nanso na Yehu pɛ sɛ ɔkunkum Baal asomfoɔ no nti na ɔde aniteɛ+ yɛɛ saa no.
20 Na Yehu kaa sɛ: “Momfa nto dwa na wɔnyɛ nhyiamu titire mma Baal.” Enti wɔde too dwa. 21 Ɛno akyi no, Yehu de nkra kɔɔ Israel nyinaa,+ na Baal asomfoɔ no nyinaa bɛhyiaam. Baako mpo anka a wamma bie. Wɔbaa Baal fie+ hɔ maa Baal fie hɔ nyinaa yɛɛ mã kyeree so. 22 Afei ɔka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadeɛ dan soɔ no sɛ: “Fa ntadeɛ brɛ Baal asomfoɔ no nyinaa.” Enti ɔde ntadeɛ no brɛɛ wɔn. 23 Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab+ baa Baal fie hɔ. Na ɔka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ: “Monhwehwɛ mo mu yie na Yehowa asomfoɔ no biara ammɛfra mo mu; momma no nka Baal asomfoɔ nko ara.”+ 24 Afei wɔbaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ, na Yehu de mmarima aduɔwɔtwe gyinagyinaa abɔnten twɛneeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mo mu bi ma mmarima a mede wɔn bɛhyɛ mo nsa no bi dwane a, ɛnneɛ ne kra bɛsi onii no kra ananmu.”+
25 Berɛ a ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no, ɛhɔ ara na Yehu ka kyerɛɛ ammirikatufoɔ ne akunini no sɛ: “Mommra mmɛkunkum wɔn! Mommma obiara mmfiri adi.”+ Ɛnna ammirikatufoɔ ne akunini+ no firii aseɛ de nkrantɛ kunkum wɔn, na wɔtotoo wɔn guu abɔnten, na wɔkɔeɛ ara kɔduruu Baal abosonnan* no mu. 26 Ɛnna wɔyiyii Baal fie hɔ abosom adum+ no firii adie, na wɔhyee+ ne nyinaa. 27 Bio nso, wɔbubuu Baal honi+ no, na Baal fie+ no nso wɔbubuiɛ, na wɔde yɛɛ agyananbea+ de bɛsi nnɛ.
28 Saa na ɛyɛeɛ a Yehu tuu Baal ase firii Israel. 29 Nebat ba Yeroboam bɔne+ a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no nko na Yehu antwe ne ho amfiri ho; ɛno ne sika anantwie mma+ a na baako si Betel na baako nso si Dan+ no. 30 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Yehu sɛ: “Sɛ́ woadi asɛmpa na woayɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ,+ na woayɛ deɛ ɛwɔ m’akomam sɛ mede bɛyɛ Ahab fiefoɔ+ nyinaa nti, wobɛnya mma a wɔbɛtena Israel ahennwa soɔ de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nnan so.”+ 31 Nanso Yehu anhwɛ amfa n’akoma nyinaa annante Yehowa, Israel Nyankopɔn mmara mu.+ Wannane amfiri Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no ho.+
32 Saa nna no mu na Yehowa firii aseɛ twitwaa Israel nsase nkakrankakra; Hasael+ kɔɔ so kunkum wɔn wɔ Israel nsase nyinaa so, 33 ɛfiri Yordan ho kɔsi awiapueeɛ, Gileadfoɔ+ nsase nyinaa, Gadfoɔ+ ne Rubenfoɔ+ ne Manasefoɔ+ deɛ, ɛfiri Aroer+ a ɛbɛn Arnon subɔn ne Gilead ne Basan+ nso.
34 Yehu ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nnwuma akɛseɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 35 Na Yehu ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no Samaria, na ne ba Yehoahas+ bɛdii n’adeɛ. 36 Nna a Yehu de dii Israel so hene wɔ Samaria no si mfeɛ aduonu nwɔtwe.