25 Berɛ a ɔwiee ɔhyeɛ afɔreɛ no, ɛhɔ ara na Yehu ka kyerɛɛ awɛmfoɔ ne akunini no sɛ: “Mommra mmɛkunkum wɔn! Mommma obiara nnnwane.”+ Ɛnna awɛmfoɔ ne akunini no firii aseɛ de sekan kunkum wɔn, na wɔtotoo wɔn afunu guu abɔnten, na wɔkunkum wɔn ara kɔduruu Baal fie no pia mu.