2 Ahemfo
11 Ahasia+ maame Atalia+ hunuu sɛ ne ba no awu. Enti ɔsɔre kunkum ahennie no asefoɔ+ nyinaa. 2 Nanso Ɔhene Yehoram babaa Yehoseba+ a ɔyɛ Ahasia nuabaa no faa Ahasia ba Yehoas,+ na ɔwiaa no firii ɔhene mma a na wɔrekunkum wɔn no mu, ɔne ɔbaa a ɔhwɛ no no, na ɔde no kɔhuntaa ɛdan a mpa sisi mu no mu. Wɔde abɔfra no huntaa+ Atalia, enti wɔannya no anku no. 3 Ɔne no tenaa Yehowa fie hɔ ahuntaeɛ mu mfeɛ nsia berɛ a Atalia di asase no soɔ no.+
4 Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada+ soma kɔfrɛɛ Karia+ awɛmfoɔ ne ammirikatufoɔ+ ɔha ha so mpanimfoɔ no baa ne nkyɛn wɔ Yehowa fie, na ɔne wɔn yɛɛ apam+ maa wɔkaa ntam+ wɔ Yehowa fie hɔ, na ɛno akyi no, ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn. 5 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ monyɛ nie: Mo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmra homeda, na mommɛwɛn ahemfie+ no yie; 6 nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nkɔ Nnyinasoɔ Pono+ no ano, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso mmɛgyina ɛpono a ɛwɔ ammirikatufoɔ no akyi no ano; obiara nnyina ne gyinabea nwɛn efie+ no yie. 7 Mo mu akuo mmienu a wɔn nyinaa firi adi kɔ homeda no, wɔn nso nwɛn Yehowa fie no yie, ɔhene no nti. 8 Na obiara mfa n’akodeɛ nkura ne nsam, na montwa ɔhene no ho nhyia. Obiara a ɔbɛba awɛmfoɔ no mu no, monku no. Monnnya ɔhene, ne nkorɔeɛ ne ne mmaeɛ mu.”
9 Enti ɔha ha so mpanimfoɔ+ no yɛɛ deɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada kaeɛ no nyinaa. Na wɔn mu biara de ne mmarima a wɔreba hɔ homeda+ abɛsom ne wɔn a wɔabɛsom na wɔrekɔ homeda no baeɛ, na wɔbaa ɔsɔfoɔ Yehoiada nkyɛn. 10 Afei ɔsɔfoɔ no de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm nketewa a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no maa ɔha ha so mpanimfoɔ+ no. 11 Na ammirikatufoɔ+ no nyinaa faa wɔn akodeɛ kurakuraa wɔn nsam, na wɔgyinagyinaa fie no benkum ne ne nifa so ne afɔrebukyia+ no ho ne fie no ho, na wɔtwaa ɔhene no ho hyiaeɛ. 12 Ɛnna ɔde ɔhene ba+ no firii adi baeɛ, na ɔde ahemmotire+ bɔɔ ne ti, na ɔde Adanseɛ+ no too ne tiri so. Wɔsraa no,+ na wɔsii no hene.+ Afei wɔbobɔɔ wɔn nsam+ kaa sɛ: “Ɔhene nnya nkwa!”+
13 Berɛ a Atalia tee gyegyeegye sɛ ɔman no retu mmirika no, ɛhɔ ara na ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn Yehowa fie hɔ.+ 14 Ɔhwɛeɛ no, ɔhunuu sɛ ɔhene no gyina edum no ho+ sɛdeɛ amanneɛ teɛ, na mpanimfoɔ ne ntotorobɛnto+ wɔ ɔhene no nkyɛn, na ɔman no mu nnipa nyinaa redi ahurisie+ na wɔrehyɛne ntotorobɛnto. Ɛhɔ ara na Atalia+ suanee n’atadeɛ mu na ɔteaam sɛ: “Atirisopam! Atirisopam!”+ 15 Ɛnna ɔsɔfoɔ Yehoiada frɛɛ ɔha ha so mpanimfoɔ ne asraafoɔ so mpanimfoɔ+ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwe no mfiri nnipa no mu, na obiara a ɔbɛdi n’akyi no, momfa nkrantɛ nku no!”+ Ná ɔsɔfoɔ no aka sɛ: “Monnku no Yehowa fie.” 16 Enti wɔde wɔn nsa sɔɔ ne mu, na wɔde no bɛduruu apɔnkɔ pono+ no ano, ahemfie+ hɔ, na wɔkum no wɔ hɔ.+
17 Ɛnna Yehoiada maa ɔhene+ no ne ɔman no nyinaa ne Yehowa+ yɛɛ apam+ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa man; na ɔmaa ɔhene no ne ɔman no nso yɛɛ bi.+ 18 Ɛno akyi no, ɔman no mu nnipa nyinaa kɔɔ Baal fie hɔ, na wɔdwirii n’afɔrebukyia no guiɛ;+ wɔbubuu n’ahoni no pasaa,+ na Baal sɔfoɔ Mattan+ nso, wɔkum no afɔrebukyia no anim.+
Na ɔsɔfoɔ no de ahwɛfoɔ sisii Yehowa fie so.+ 19 Afei ɔfaa ɔha ha so mpanimfoɔ ne Karia+ awɛmfoɔ ne ammirikatufoɔ+ ne ɔman no mu nnipa nyinaa sɛ wɔmfa ɔhene no mfiri Yehowa fie hɔ mmra. Enti wɔfaa ammirikatufoɔ pono+ no mu kɔɔ ahemfie hɔ, na ɔhene no tenaa ahennwa+ no so. 20 Na ɔman no mu nnipa nyinaa kɔɔ so dii ahurisie,+ na asomdwoeɛ baa kuro no mu. Atalia deɛ, wɔde nkrantɛ kuu no ahemfie hɔ.+