15 Ɛnna ɔsɔfoɔ Yehoiada frɛɛ ɔha ha so mpanimfoɔ ne asraafoɔ so mpanimfoɔ+ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwe no mfiri nnipa no mu, na obiara a ɔbɛdi n’akyi no, momfa nkrantɛ nku no!”+ Ná ɔsɔfoɔ no aka sɛ: “Monnku no Yehowa fie.”
19 Afei ɔfaa ɔha ha so mpanimfoɔ ne Karia+ awɛmfoɔ ne ammirikatufoɔ+ ne ɔman no mu nnipa nyinaa sɛ wɔmfa ɔhene no mfiri Yehowa fie hɔ mmra. Enti wɔfaa ammirikatufoɔ pono+ no mu kɔɔ ahemfie hɔ, na ɔhene no tenaa ahennwa+ no so.