9 Enti ɔha ha so mpanimfoɔ+ no yɛɛ deɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada kaeɛ no nyinaa. Na wɔn mu biara de ne mmarima a wɔreba hɔ homeda+ abɛsom ne wɔn a wɔabɛsom na wɔrekɔ homeda no baeɛ, na wɔbaa ɔsɔfoɔ Yehoiada nkyɛn.
23Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada+ nyaa akokoɔduro, na ɔfaa ɔha ha so mpanimfoɔ+ yi, Yeroham ba Asaria, Yehohanan ba Ismael, Obed ba Asaria, Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat, na ɔne wɔn kɔɔ apam.