2 Berɛsosɛm
23 Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada+ nyaa akokoɔduro, na ɔfaa ɔha ha so mpanimfoɔ+ yi, Yeroham ba Asaria, Yehohanan ba Ismael, Obed ba Asaria, Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat, na ɔne wɔn kɔɔ apam. 2 Ɛno akyi no, wɔkɔkyinkyinii Yuda baabiara boaboaa Lewifoɔ+ a wɔwɔ Yuda nkuro nyinaa mu ne Israel agyanom abusuafie+ mpanimfoɔ+ ano, na wɔbɛhyiaam wɔ Yerusalem. 3 Afei badwa no nyinaa ne ɔhene kɔɔ apam+ wɔ nokorɛ Nyankopɔn fie+ hɔ, na ɛno akyi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
“Hwɛ! Ɔhene ba+ no na ɔbɛdi hene+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ bɔ wɔ Dawid mma ho no.+ 4 Deɛ monyɛ nie: Asɔfoɔ+ ne Lewifoɔ+ a wɔba mu homeda+ no, mo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ;+ 5 nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso nkɔ ahemfie,+ na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso nkɔ Nnyinasoɔ Pono+ no ano, na ɔman no nyinaa mmra Yehowa fie adihɔ.+ 6 Mommma obiara nnhyɛn Yehowa fie+ hɔ, gye asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔresom+ no nko ara. Wɔn nko ara na momma wɔnhyɛn mu ɛfiri sɛ wɔyɛ nnipa kronkron,+ na ɔmanfoɔ no nso nyɛ wɔn adwuma Yehowa anim. 7 Na Lewifoɔ no mfa wɔn akodeɛ nkurakura wɔn nsam na wɔntwa ɔhene no ho nhyia.+ Obiara a ɔbɛba fie no mu no, wɔnku no. Monnnya ɔhene, ne nkorɔeɛ ne ne mmaeɛ mu.”
8 Enti Lewifoɔ no ne Yuda nyinaa yɛɛ deɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada+ kaeɛ+ no nyinaa, na wɔn mu biara de ne mmarima a wɔreba hɔ homeda abɛsom ne wɔn a wɔabɛsom na wɔrekɔ homeda+ no baeɛ, ɛfiri sɛ saa berɛ no na ɔsɔfoɔ Yehoiada mmaa wɔnnyaee wɔn adwuma sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu+ teɛ no. 9 Bio nso, ɔsɔfoɔ Yehoiada de Ɔhene Dawid+ mpea ne akyɛm akɛseɛ ne akyɛm nketewa+ a ɛwɔ nokorɛ Nyankopɔn+ fie hɔ no maa ɔha ha so mpanimfoɔ+ no. 10 Afei, ɔmaa ɔmanfoɔ+ no nyinaa faa wɔn akodeɛ kurakuraa wɔn nsam, na ɔde wɔn gyinagyinaa fie no benkum ne ne nifa so ne afɔrebukyia no ho ne fie no ho, na wɔtwaa ɔhene no ho hyiaeɛ. 11 Ɛnna wɔde ɔhene ba no firii adi baeɛ,+ na wɔde ahemmotire+ bɔɔ ne ti, na wɔde Adanseɛ no+ too ne tiri so, na wɔsii no hene, na Yehoiada ne ne mma sraa+ no, na wɔkaa sɛ: “Ɔhene nnya nkwa!”+
12 Berɛ a Atalia tee gyegyeegye sɛ ɔman no retu mmirika na wɔrekamfo ɔhene+ no, ɛhɔ ara na ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn Yehowa fie hɔ. 13 Ɔhwɛeɛ no, ɔhunuu sɛ ɔhene no gyina aboboano adum+ no baako ho, na mpanimfoɔ+ ne ntotorobɛnto+ wɔ ɔhene no nkyɛn, na ɔman no mu nnipa nyinaa redi ahurisie+ na wɔrehyɛne+ ntotorobɛnto na nnwontofoɔ+ a wɔkurakura asankuo ne wɔn a wɔma ayeyi dwom so wɔ hɔ. Ɛhɔ ara na Atalia suanee n’atadeɛ mu na ɔkaa sɛ: “Atirisopam! Atirisopam!”+ 14 Ɛnna ɔsɔfoɔ Yehoiada de ɔha ha so mpanimfoɔ ne asraafoɔ so mpanimfoɔ no firii adie, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwe no mfiri nnipa no mu,+ na obiara a ɔbɛdi n’akyi no, momfa nkrantɛ nku no!” Ná ɔsɔfoɔ no aka sɛ: “Monnku no Yehowa fie.” 15 Enti wɔde wɔn nsa sɔɔ ne mu, na berɛ a wɔde no bɛduruu apɔnkɔ pono no ano, ahemfie hɔ no, ntɛm ara na wɔkum no wɔ hɔ.+
16 Ɛnna Yehoiada ne ɔman no nyinaa ne ɔhene yɛɛ apam sɛ wɔbɛyɛ Yehowa man+ daa. 17 Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fie hɔ, na wɔdwiri guiɛ;+ wɔbubuu n’afɔrebukyia+ ne n’ahoni,+ na Baal sɔfoɔ Mattan+ nso, wɔkum no+ afɔrebukyia no anim. 18 Bio nso, Yehoiada de Yehowa fie nnwuma no hyehyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nsa, sɛdeɛ Dawid+ kyekyɛɛ wɔn mu de wɔn sisii Yehowa fie so sɛ wɔmmɔ Yehowa ɔhyeɛ afɔdeɛ no, na sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu+ no, wɔnyɛ no ahurisie ne nnwontoɔ mu, sɛdeɛ Dawid hyehyɛeɛ no. 19 Enti ɔde apono ano ahwɛfoɔ+ no gyinagyinaa Yehowa fie apono ano+ na obiara a ne ho nteɛ wɔ adeɛ biara mu amma mu. 20 Ɛnna ɔfaa ɔha ha so mpanimfoɔ+ ne akunini ne ɔman no mu atumfoɔ ne ɔman no mu nnipa nyinaa kaa ne ho, na wɔde ɔhene no firii Yehowa fie+ hɔ baeɛ. Afei wɔfaa atifi pono no mu baa ahemfie hɔ, na wɔde ɔhene no tenaa ahennwa+ no so. 21 Na ɔman no mu nnipa nyinaa kɔɔ so dii ahurisie,+ na asomdwoeɛ baa kuro no mu. Atalia deɛ, wɔde nkrantɛ kuu no.+