4 Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada+ soma kɔfrɛɛ Karia+ awɛmfoɔ ne ammirikatufoɔ+ ɔha ha so mpanimfoɔ no baa ne nkyɛn wɔ Yehowa fie, na ɔne wɔn yɛɛ apam+ maa wɔkaa ntam+ wɔ Yehowa fie hɔ, na ɛno akyi no, ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.
23Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada+ nyaa akokoɔduro, na ɔfaa ɔha ha so mpanimfoɔ+ yi, Yeroham ba Asaria, Yehohanan ba Ismael, Obed ba Asaria, Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat, na ɔne wɔn kɔɔ apam.