Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 23
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire

      • Yehoiada de ne ho gyee mu maa wɔsii Yehoas hene (1-11)

      • Wɔkum Atalia (12-15)

      • Yehoiada pagyaa Onyankopɔn som (16-21)

2 Berɛsosɛm 23:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:4

2 Berɛsosɛm 23:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 8:14

2 Berɛsosɛm 23:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 5:3
  • +2Sa 7:8, 12; 1Ah 2:4; 9:5; Dw 89:20, 29

2 Berɛsosɛm 23:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 24:3
  • +2Ah 11:5-8; 1Be 9:22-25; 26:1

2 Berɛsosɛm 23:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahemfie.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 7:1
  • +1Ah 7:12

2 Berɛsosɛm 23:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 23:28, 32

2 Berɛsosɛm 23:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Ɔhene nkorɔeɛ ne ne mmaeɛ mu.”

2 Berɛsosɛm 23:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:9-12
  • +1Be 24:1; 26:1

2 Berɛsosɛm 23:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Akyɛm nketewa a agyantofoɔ taa kura.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 8:7
  • +1Be 26:26, 27; 2Be 5:1
  • +2Ah 11:4

2 Berɛsosɛm 23:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔbɔɔ no ahemmotire.”

  • *

    Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ nwoma mmobɔeɛ a Onyankopɔn Mmara no wom.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:2
  • +De 17:18
  • +1Sa 10:1, 24

2 Berɛsosɛm 23:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:13-16

2 Berɛsosɛm 23:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “n’adum ho.”

  • *

    Ɛkyerɛ pɔ bɔne a nkurɔfoɔ bɔ wɔ obi ho.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Be 23:1
  • +1Ah 1:39, 40

2 Berɛsosɛm 23:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahemfie.”

2 Berɛsosɛm 23:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:17, 18; 2Be 34:1, 31

2 Berɛsosɛm 23:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “abosomfie.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 10:27, 28
  • +De 12:3; 2Be 34:1, 4
  • +De 13:5; 1Ah 18:40

2 Berɛsosɛm 23:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 23:6, 30, 31
  • +Ex 29:38; Nu 28:2

2 Berɛsosɛm 23:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Be 9:26; 26:1, 13

2 Berɛsosɛm 23:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahemfie.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ah 11:9
  • +1Ah 7:7; 2Ah 11:19, 20

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Be. 23:12Ah 11:4
2 Be. 23:22Be 8:14
2 Be. 23:32Sa 5:3
2 Be. 23:32Sa 7:8, 12; 1Ah 2:4; 9:5; Dw 89:20, 29
2 Be. 23:41Be 24:3
2 Be. 23:42Ah 11:5-8; 1Be 9:22-25; 26:1
2 Be. 23:51Ah 7:1
2 Be. 23:51Ah 7:12
2 Be. 23:61Be 23:28, 32
2 Be. 23:82Ah 11:9-12
2 Be. 23:81Be 24:1; 26:1
2 Be. 23:92Sa 8:7
2 Be. 23:91Be 26:26, 27; 2Be 5:1
2 Be. 23:92Ah 11:4
2 Be. 23:112Ah 11:2
2 Be. 23:11De 17:18
2 Be. 23:111Sa 10:1, 24
2 Be. 23:122Ah 11:13-16
2 Be. 23:132Be 23:1
2 Be. 23:131Ah 1:39, 40
2 Be. 23:162Ah 11:17, 18; 2Be 34:1, 31
2 Be. 23:172Ah 10:27, 28
2 Be. 23:17De 12:3; 2Be 34:1, 4
2 Be. 23:17De 13:5; 1Ah 18:40
2 Be. 23:181Be 23:6, 30, 31
2 Be. 23:18Ex 29:38; Nu 28:2
2 Be. 23:191Be 9:26; 26:1, 13
2 Be. 23:202Ah 11:9
2 Be. 23:201Ah 7:7; 2Ah 11:19, 20
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Berɛsosɛm 23:1-21

Berɛsosɛm Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu

23 Afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada nyaa akokoɔduro ne ɔhaha so mpanimfoɔ yi yɛɛ apam:+ Yeroham ba Asaria, Yehohanan ba Ismael, Obed ba Asaria, Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat. 2 Afei wɔkɔkyinkyinii Yuda baabiara boaboaa Lewifoɔ+ a wɔwɔ Yuda nkuro nyinaa mu ne Israel agyanom abusuafie mpanimfoɔ ano. Berɛ a wɔbɛhyiaam wɔ Yerusalem no, 3 badwa no nyinaa ne ɔhene yɛɛ apam+ wɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ; ɛnna Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

“Hwɛ! Sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ bɔ wɔ Dawid mma ho no, ɔhene ba no na ɔbɛdi hene.+ 4 Deɛ monyɛ nie: Asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔbɛba abɛyɛ adwuma+ Homeda no, monkyɛ wɔn mu mmiɛnsa na momma nkyɛmu baako nyɛ apono ano ahwɛfoɔ;+ 5 nkyɛmu baako nso nkɔ ɔhene fie,*+ na nkyɛmu baako a aka no nkɔ Nnyinasoɔ Pono no ano, na ɔman no nyinaa nhyiam wɔ Yehowa fie adihɔ hɔ.+ 6 Mommma obiara nnwura Yehowa fie hɔ, gye asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔresom no.+ Wɔn deɛ wɔbɛtumi awura mu ɛfiri sɛ wɔyɛ nnipa kronkron, na ɔmanfoɔ no nyinaa nso, momma wɔnni Yehowa nhyehyɛeɛ so. 7 Lewifoɔ no mfa wɔn akodeɛ nkurakura wɔn nsam na wɔntwa ɔhene no ho nhyia. Obiara a ɔbɛba efie no mu no, wɔnku no. Baabiara a ɔhene bɛkɔ* no, monhwɛ sɛ moka ne ho.”

8 Lewifoɔ no ne Yuda nyinaa yɛɛ deɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Wɔn mu biara de ne mmarima a wɔreba hɔ Homeda abɛsom ne wɔn a wɔrenyɛ adwuma saa Homeda no+ bae, ɛfiri sɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada amma akuo a wɔawie wɔn nnwuma no ankɔ.+ 9 Ɛnna ɔsɔfoɔ Yehoiada de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm akɛseɛ ne akyɛm nketewa*+ a ɛwɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ+ no maa ɔhaha so mpanimfoɔ no.+ 10 Afei ɔmaa ɔmanfoɔ no nyinaa faa wɔn akodeɛ kurakuraa wɔn nsam, na ɔde wɔn gyinagyinaa efie no benkum ne ne nifa so ne afɔrebukyia no ho ne efie no ho, na wɔtwaa ɔhene no ho hyiaeɛ. 11 Ɛnna wɔde ɔhene ba no pue baeɛ,+ na wɔhyɛɛ no ahenkyɛ,* na wɔde Adanseɛ nwoma*+ no too ne tiri so, na wɔsii no hene, na Yehoiada ne ne mma sraa no, ɛnna wɔkaa sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!”+

12 Berɛ a Atalia tee sɛ ɔmanfoɔ no retu mmirika na wɔrebɔ gye ɔhene no so no, ɛhɔ ara na ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn wɔ Yehowa fie hɔ.+ 13 Ɔnkɔhwɛ a, ɔhene no na ɔgyina aboboano adum no baako ho* yi! Saa berɛ no, na mpanimfoɔ+ no ne wɔn a wɔrehyɛn ntotorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na na ɔman no nyinaa redi ahurisie+ na wɔrehyɛn ntotorobɛnto, na nnwontofoɔ a wɔkurakura asankuo di osebɔ no anim. Ɛhɔ ara na Atalia suan n’ataadeɛ mu, na ɔteaam sɛ: “Atirisopam!* Atirisopam!” 14 Ɛnna ɔsɔfoɔ Yehoiada maa ɔhaha so mpanimfoɔ a wɔdeda asraafoɔ ano no firii adi, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwe no mfiri nnipa no mu, na obiara a ɔbɛdi n’akyi no, momfa sekan nku no!” Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na ɔsɔfoɔ no aka sɛ: “Monnku no wɔ Yehowa fie.” 15 Enti wɔyeree no, na berɛ a wɔde no duruu Apɔnkɔ Pono no ano wɔ ɔhene fie* hɔ no, ntɛm ara na wɔkum no wɔ hɔ.

16 Ɛnna Yehoiada ne ɔman no nyinaa ne ɔhene yɛɛ apam sɛ wɔbɛyɛ Yehowa man daa.+ 17 Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fie* kɔdwiri guiɛ,+ na wɔbubuu n’afɔrebukyia ne n’ahoni,+ na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkum no+ wɔ afɔrebukyia no anim. 18 Afei Yehoiada de Yehowa fie hɔ biribiara hyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nsa. Wɔn na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu de wɔn sisii Yehowa fie so sɛ wɔmmɔ Yehowa ɔhyeɛ afɔreɛ+ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose Mmara mu no.+ Ná ɛsɛ sɛ wɔde ahurisie ne nnwontoɔ yɛ no sɛdeɛ Dawid hyehyɛeɛ no. 19 Afei nso, ɔde apono ano ahwɛfoɔ+ no gyinagyinaa Yehowa fie apono ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a ne ho nte wɔ adeɛ biara mu remma mu. 20 Ɛnna ɔfaa ɔhaha so mpanimfoɔ+ ne akunini ne ɔman no mu atumfoɔ ne ɔman no mu nnipa nyinaa kaa ne ho, na wɔde ɔhene no firii Yehowa fie hɔ baeɛ. Afei wɔfaa atifi pono no mu baa ɔhene fie* hɔ, na wɔde ɔhene no bɛtenaa ahennwa no so.+ 21 Enti ɔman no mu nnipa nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa kuro no mu, ɛfiri sɛ na wɔde sekan akum Atalia.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane