-
2 Ahemfo 11:5-8Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ monyɛ nie: Monkyɛ mo mu mmiɛnsa na nkyɛmu baako mmra Homeda, na wɔmmɛwɛn ɔhene fie* no yie;+ 6 nkyɛmu baako nso nkɔ Nnyinasoɔ Pono no ano, na nkyɛmu baako a aka no nso mmɛgyina ɛpono a ɛwɔ ahemfie awɛmfoɔ no akyi no ano; obiara nnyina ne gyinabea nwɛn fie no. 7 Mo mu akuo mmienu a wɔawie wɔn adwuma Homeda no, wɔn nso nwɛn Yehowa fie no yie, na wɔmmɔ ɔhene no ho ban. 8 Momfa mo akodeɛ nkurakura mo nsam na montwa ɔhene no ho nhyia. Obiara a ɔbɛba awɛmfoɔ no mu no, monku no. Baabiara a ɔhene bɛkɔ* no, monhwɛ sɛ moka ne ho.”
-
-
1 Berɛsosɛm 9:22-25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
22 Wɔn a wɔyii wɔn sɛ apono ano ahwɛfoɔ a wɔhwɛ abobow ano no nyinaa yɛ 212. Wɔtenatenaa wɔn nkuro mu sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ Weinom na Dawid ne ɔdehwɛfoɔ Samuel+ buu wɔn anokwafoɔ na wɔde wɔn totoo adwuma ano. 23 Apono ano ahwɛfoɔ adwuma a wɔyɛ wɔ Yehowa fie,+ ntomadan fie no, wɔne wɔn mma na na wɔhwɛ so. 24 Apono ano ahwɛfoɔ no gyinagyinaa afanan; apueeɛ, atɔeɛ, atifi, ne anaafoɔ.+ 25 Ná nhyehyɛeɛ bi wɔ hɔ sɛ ɛwom ara a, wɔn nuanom a wɔwɔ wɔn atenaeɛ no ne wɔn bɛba abɛsom nnanson.
-