Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
11 Berɛ a Ahasia maame Atalia+ huu sɛ ne ba no awuo no,+ ɔsɔre kunkum adehyeɛ mma* no nyinaa.+ 2 Nanso Ɔhene Yehoram babaa Yehoseba a ɔyɛ Ahasia nuabaa no wiaa Ahasia ba Yehoas,+ na ɔfaa no firii ɔhene mma a na wɔrebɛkunkum wɔn no mu, na ɔde ɔne ɔbaa a ɔhwɛ no no* kɔsiee pia mu. Wɔde no hintaa Atalia, enti wannya no anku no. 3 Ɔne no tenaa Yehowa fie hɔ mfeɛ nsia a obiara anhu no. Saa berɛ no, Atalia na na ɔdi ɔman no so.
4 Afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada soma kɔfrɛɛ Karia awɛmfoɔ ne ahemfie awɛmfoɔ+ no ɔhaha so mpanimfoɔ baa ne nkyɛn wɔ Yehowa fie, na ɔne wɔn yɛɛ apam maa wɔkaa ntam wɔ Yehowa fie hɔ, na ɛno akyi no, ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.+ 5 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ monyɛ nie: Monkyɛ mo mu mmiɛnsa na nkyɛmu baako mmra Homeda, na wɔmmɛwɛn ɔhene fie* no yie;+ 6 nkyɛmu baako nso nkɔ Nnyinasoɔ Pono no ano, na nkyɛmu baako a aka no nso mmɛgyina ɛpono a ɛwɔ ahemfie awɛmfoɔ no akyi no ano; obiara nnyina ne gyinabea nwɛn fie no. 7 Mo mu akuo mmienu a wɔawie wɔn adwuma Homeda no, wɔn nso nwɛn Yehowa fie no yie, na wɔmmɔ ɔhene no ho ban. 8 Momfa mo akodeɛ nkurakura mo nsam na montwa ɔhene no ho nhyia. Obiara a ɔbɛba awɛmfoɔ no mu no, monku no. Baabiara a ɔhene bɛkɔ* no, monhwɛ sɛ moka ne ho.”
9 Enti ɔha biara so panin+ yɛɛ deɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada kaeɛ no pɛpɛɛpɛ. Wɔn mu biara de ne mmarima a wɔreba hɔ Homeda abɛsom ne wɔn a wɔrenyɛ adwuma saa Homeda no bae, na wɔbaa ɔsɔfoɔ Yehoiada+ nkyɛn. 10 Afei ɔsɔfoɔ no de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm akɛseɛ ne akyɛm nketewa a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no maa ɔhaha so mpanimfoɔ no. 11 Na ahemfie awɛmfoɔ+ no faa wɔn akodeɛ kurakuraa wɔn nsam, na wɔgyinagyinaa efie no benkum ne ne nifa so ne afɔrebukyia no+ ho ne efie no ho, na wɔtwaa ɔhene no ho hyiaeɛ. 12 Ɛnna Yehoiada de ɔhene ba+ no pue baeɛ, na wɔhyɛɛ no ahenkyɛ,* na wɔde Adanseɛ+ nwoma* no too ne tiri so, na wɔsraa no sii no hene. Afei wɔbɔɔ wɔn nsam kaa sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!”+
13 Berɛ a Atalia tee sɛ ɔmanfoɔ no retu mmirika no, ɛhɔ ara na ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn wɔ Yehowa fie hɔ.+ 14 Ɔnkɔhwɛ a, ɔhene no na ɔgyina aboboano adum no baako ho sɛdeɛ amanneɛ teɛ yi!+ Saa berɛ no, na mpanimfoɔ no ne wɔn a wɔrehyɛn ntotorobɛnto+ no wɔ ɔhene no nkyɛn, na na ɔman no nyinaa redi ahurisie na wɔrehyɛn ntotorobɛnto. Ɛhɔ ara na Atalia suan n’ataadeɛ mu, na ɔteaam sɛ: “Atirisopam!* Atirisopam!” 15 Ɛnna ɔsɔfoɔ Yehoiada ka kyerɛɛ ɔhaha so mpanimfoɔ+ a wɔdeda asraafoɔ ano no sɛ: “Montwe no mfiri nnipa no mu, na obiara a ɔbɛdi n’akyi no, momfa sekan nku no!” Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na ɔsɔfoɔ no aka sɛ: “Monnku no wɔ Yehowa fie.” 16 Enti wɔyeree no, na berɛ a wɔde no duruu ɛpono a apɔnkɔ fa mu wura ɔhene fie*+ hɔ no, wɔkum no wɔ hɔ.
17 Ɛnna Yehoiada ne Yehowa ne ɔhene ne ɔman no nyinaa yɛɛ apam+ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa man daa; na ɔmaa ɔhene no ne ɔman no nso yɛɛ apam.+ 18 Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fie* kɔbubuu n’afɔrebukyia+ na wɔdwirii n’ahoni guiɛ,+ na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkum no+ wɔ afɔrebukyia no anim.
Ɛnna ɔsɔfoɔ no de ahwɛfoɔ sisii Yehowa fie so.+ 19 Afei ɔfaa ɔhaha so mpanimfoɔ,+ Karia awɛmfoɔ, ahemfie awɛmfoɔ,+ ne ɔman no mu nnipa nyinaa sɛ wɔmfa ɔhene no mfiri Yehowa fie hɔ mmra. Enti wɔfaa ahemfie awɛmfoɔ pono no mu kɔɔ ɔhene fie* hɔ, na ɔbɛtenaa ahennwa no so.+ 20 Enti ɔman no mu nnipa nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa kuro no mu, ɛfiri sɛ na wɔde sekan akum Atalia wɔ ɔhene fie hɔ.