2 Berɛsosɛm
22 Na Yerusalemfoɔ de ne ba kumaa Ahasia*+ sii hene maa no dii n’adeɛ, (ɛfiri sɛ afomfoɔ dɔm a wɔne Arabiafoɔ+ baa nsraban no mu no kunkum mpanimfoɔ no nyinaa,)+ enti Yehoram ba Ahasia bɛdii Yuda so hene. 2 Ahasia bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu,+ na ɔdii hene afe baako wɔ Yerusalem. Ne maame din de Atalia+ a ɔyɛ Omri+ banana.
3 Ɔno nso faa Ahab fiefoɔ akwan so,+ ɛfiri sɛ ne maame+ tuu no fo maa no yɛɛ amumuyɔdeɛ. 4 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ Ahab fiefoɔ yɛeɛ no, ɛfiri sɛ ne papa wuiɛ no, wɔn na wɔtuu no fo+ maa no sɛeeɛ. 5 Wɔn afotuo na ɔde yɛɛ adwuma,+ enti ɔne Ahab ba, Israel hene Yehoram+ boom ne Siria hene Hasael+ kɔkoo wɔ Ramot-Gilead.+ Ɛhɔ na wɔtoo agyan wɔɔ Yehoram.+ 6 Enti ɔsan n’akyi kɔsaa ne ho yareɛ wɔ Yesreel+ ɛfiri sɛ berɛ a ɔne Siria hene Hasael kɔkoeɛ no, wɔpiraa no wɔ Rama.+
Na Yehoram+ ba, Yuda hene Asaria*+ kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram+ wɔ Yesreel, ɛfiri sɛ na ɔyare.+ 7 Nanso Onyankopɔn+ na ɔmaa Ahasia asehweɛ+ baeɛ berɛ a ɔkɔɔ Yehoram nkyɛn no. Ɔduruu hɔ no, ɔne Yehoram kɔɔ+ Nimsi+ banana Yehu+ a Yehowa asra+ no sɛ ɔntɔre Ahab fie ase+ no nkyɛn. 8 Ɛbaa sɛ berɛ a Yehu de n’ani sii Ahab fie+ soɔ no, ɛhɔ ara na ɔkɔkyee Yuda mmapɔmma ne Ahasia+ nuanom mma a wɔsom Ahasia no, na ɔkunkum wɔn.+ 9 Ɛnna ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia, na wɔkyee no+ de no brɛɛ Yehu; ná wadwane akɔhunta Samaria.+ Wɔkum no na wɔsiee no,+ na wɔkaa sɛ: “Ɔyɛ Yehosafat+ a ɔde akoma mũ hwehwɛɛ+ Yehowa no banana.” Ná obiara nni Ahasia fie bio a ɔbɛtumi adi ahennie no soɔ.
10 Ahasia maame Atalia+ hunuu sɛ ne ba no awu. Enti ɔsɔre kunkum Yuda fie adehyeɛ mma no nyinaa.+ 11 Nanso ɔhene babaa Yehosabat+ faa Ahasia ba Yehoas,+ na ɔwiaa no firii ahenemma a na wɔrekunkum wɔn no mu, na ɔde ɔne ɔbaa a ɔhwɛ no no kɔhuntaa ɛdan a mpa sisi mu no mu. Na Ɔhene Yehoram+ babaa Yehosabat, ɔsɔfoɔ Yehoiada+ yere no, (ná ɔyɛ Ahasia nuabaa), Atalia nti, ɔde abɔfra no kɔhuntaeɛ, na wannya no anku no.+ 12 Ɔne wɔn tenaa nokorɛ Nyankopɔn fie hɔ ahuntaeɛ mu mfeɛ nsia+ berɛ a Atalia di hemmaa+ wɔ asase no soɔ no.+