2 Berɛsosɛm 24:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Wɔde nkakrankakra gyaa wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa fie too hɔ, na wɔkɔsom abosonnua+ ne ahoni,+ na wɔn mmarato no nti, abufuo baa Yuda ne Yerusalem so.+ Mmebusɛm 1:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Me ba, sɛ abɔnefoɔ pɛ sɛ wɔdaadaa wo a, mpene.+ Mmebusɛm 12:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ateneneefoɔ adwene tene;+ na abɔnefoɔ akwankyerɛ yɛ nnaadaa.+ Mmebusɛm 13:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Deɛ ɔne anyansafoɔ nante no bɛyɛ onyansafoɔ,+ na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no, ɛbɛwie no bɔne.+
18 Wɔde nkakrankakra gyaa wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa fie too hɔ, na wɔkɔsom abosonnua+ ne ahoni,+ na wɔn mmarato no nti, abufuo baa Yuda ne Yerusalem so.+