2 Berɛsosɛm
21 Na Yehosafat ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no kaa n’agyanom ho+ wɔ Dawid Kuro mu, na ne ba Yehoram+ bɛdii n’adeɛ. 2 Ná ɔwɔ nua mmarima a wɔyɛ Yehosafat mma: Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia; yeinom nyinaa yɛ Israel* hene Yehosafat mma. 3 Na wɔn papa kyɛɛ+ wɔn dwetɛ ne sika nneɛma ne nneɛma a ɛsom bo pii ne nkuro a ɛyɛ den wɔ Yuda;+ ahennie no deɛ, ɔde maa Yehoram+ ɛfiri sɛ ɔno ne abakan.+
4 Berɛ a Yehoram bɛtenaa ne papa ahennwa soɔ no, ɔmaa ne tumi yɛɛ den, na ɔde nkrantɛ kunkum ne nuanom+ no nyinaa ne Israel mmapɔmma no bi. 5 Yehoram bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduasa mmienu, na ɔdii hene+ mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. 6 Na ɔfaa Israel ahemfo akwan so+ sɛdeɛ Ahab fiefoɔ yɛeɛ no, ɛfiri sɛ Ahab babaa na ɔwaree no,+ na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.+ 7 Yehowa ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie,+ ɛfiri sɛ na ɔne Dawid ayɛ apam,+ na waka sɛ ɔbɛma ɔno+ ne ne mma anya kanea daa.+
8 Ne nna mu no, Edom+ tee atua firii Yuda nsa ase,+ na wɔsii wɔn so hene.+ 9 Enti Yehoram ne n’asahene ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa kɔɔ hɔ. Na ɔsɔree anadwo kɔkunkum Edomfoɔ a wɔatwa ɔne nteaseɛnam so asahene no ho ahyia no. 10 Ne nyinaa akyi no, Edom tee atua firii Yuda nsa ase de bɛsi nnɛ. Saa berɛ no ara, Libnafoɔ+ nso tee atua firii ne nsa ase, ɛfiri sɛ na wagya Yehowa, n’agyanom Nyankopɔn no.+ 11 Afei nso ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea+ wɔ Yuda mmepɔ so sɛ ɔde rema Yerusalemfoɔ abɔ adwaman+ na ɔde apamo Yuda.+
12 Akyire yi ɔnyaa krataa+ firii odiyifoɔ Elia+ hɔ sɛ: “Deɛ Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka nie, ‘Ɛsiane sɛ woannante wo papa Yehosafat+ ne Yuda hene Asa+ akwan soɔ, 13 na woafa Israel ahemfo akwan so+ na woama Yuda ne Yerusalemfoɔ abɔ adwaman+ sɛdeɛ Ahab fiefoɔ maa ebinom bɔɔ adwaman,+ na wo nuanom, wo papa fiefoɔ a wɔyɛ sene woɔ mpo, woakunkum wɔn+ nti, 14 hwɛ! Yehowa de ɔhaw kɛseɛ+ bɛba wo man+ ne wo mma+ ne wo yerenom ne deɛ wowɔ nyinaa so. 15 Wobɛyareyare;+ wobɛyare wo nsono daa akɔsi sɛ wo yareɛ no bɛyi wo nsono apue.’”+
16 Ɛnna Yehowa hwanyan Filistifoɔ+ ne Arabiafoɔ+ a wɔbɛn Etiopiafoɔ+ no honhom+ maa wɔsɔre baa Yehoram soɔ. 17 Enti wɔbaa Yuda bɛbɔ wuraa kuro no mu, na wɔfom ɔhene no fie hɔ nneɛma a wɔhunuiɛ nyinaa,+ na wɔfaa ne mma ne ne yerenom+ nso kɔeɛ, na wɔannya ɔbabarima biara amma no sɛ ne ba kumaa Yehoahas+ nko ara. 18 Yeinom nyinaa akyi no, Yehowa de nsono mu yareɛ a ɛnni sabea+ bɔɔ no. 19 Na ɛbaa sɛ mfeɛ mmienu bɛsene kɔeɛ no, ne nsono+ puee wɔ ne yareɛ no mu, na nkakrankakra, yare bɔne no kuu no; ne manfoɔ anhye+ biribiara amma no sɛdeɛ wɔyɛ maa n’agyanom no. 20 Ɔbɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduasa mmienu, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. Ɔkɔeɛ a anyɛ obiara ya.+ Wɔsiee no Dawid Kuro+ mu, nanso ɛnyɛ ahemfo no asieeɛ na wɔsiee no.+