6 Na ɔtoaa so sɛ: “Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn.”+ Afei Mose de n’anim huntaeɛ, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ nokorɛ Nyankopɔn no.
33 Deɛ enti a mereyɛ saa ne sɛ, wɔagya me+ akɔkoto Sidonfoɔ nyamebaa Astoret+ ne Moabfoɔ nyame Kemos+ ne Ammonfoɔ nyame Milkom;+ wɔannante m’akwan so anyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, na wɔanni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so sɛ ne papa Dawid.
2 Ɛnna ɔfirii adi kɔɔ Asa anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asa, wo ne Yuda ne Benyamin nyinaa, montie me ɛ! Yehowa deɛ, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena;+ sɛ mohwehwɛ+ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔno nso bɛgya mo.+