Dwom 96:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Amanaman no anyame no nyinaa yɛ anyamehunu;+Na Yehowa deɛ, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.+ Yesaia 44:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Hwan na wanwene onyame anaa wagu honi+ bi? Mfasoɔ biara nni so.+ 1 Korintofoɔ 8:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Afei ɛdefa nnuane a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom a obi bɛdie+ ho deɛ, yɛnim sɛ bosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ baako no ara.+ 1 Korintofoɔ 10:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Dabi; na mmom meka sɛ afɔdeɛ a amanaman no bɔ no, wɔbɔ ma adaemone,+ na ɛnyɛ Onyankopɔn; na mempɛ sɛ mo ne adaemone nya twaka biara.+
4 Afei ɛdefa nnuane a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom a obi bɛdie+ ho deɛ, yɛnim sɛ bosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ baako no ara.+
20 Dabi; na mmom meka sɛ afɔdeɛ a amanaman no bɔ no, wɔbɔ ma adaemone,+ na ɛnyɛ Onyankopɔn; na mempɛ sɛ mo ne adaemone nya twaka biara.+