Yesaia
44 “Afei m’akoa Yakob+ tie, Israel a mayi woɔ.+ 2 Deɛ wo Yɛfoɔ+ ne wo Nwemfoɔ+ Yehowa a ɔboaa wo firii yafunu+ mu no seɛ nie: ‘O m’akoa Yakob, Yesurun+ a mayi woɔ, nsuro.+ 3 Mɛhwie nsuo agu deɛ sukɔm de no so,+ na nsuwansuwa asene asase kesee so.+ Mɛhwie me honhom agu w’asefoɔ so+ na mede me nhyira agu wo nkyirimma so. 4 Wɔbɛfifi te sɛ serɛ mono,+ sɛ nsuano nnua.+ 5 Oyi bɛka sɛ: “Meyɛ Yehowa dea.”+ Na baako de Yakob din bɛfrɛ ne ho,+ na ɔfoforɔ bɛtwerɛ agu ne nsa ho sɛ: “Yehowa dea.” Na obi nso de Israel din bɛto ne ho.’+
6 “Deɛ Yehowa aka nie, Israel Hene+ ne ne Gyefoɔ,+ Asafo Yehowa asɛm nie: ‘Mene odikanfoɔ ne okyikafoɔ,+ na m’akyi no Onyankopɔn biara nni hɔ.+ 7 Hwan na ɔte sɛ me?+ Ɔmpae mu nka; ɔnka mfa ho adanseɛ nsi m’anim.+ Sɛdeɛ mayɛ firi berɛ a mede tetefoɔ no baeɛ no,+ sɛ wɔbɛtumi a, wɔn nso wɔnka nneɛma a ɛreba ne deɛ ɛbɛba. 8 Monnsuro, na mommmɔ hu.+ Ɛfiri saa berɛ no, memmaa mo nyinaa monteeɛ anaa? Na menkaa ho asɛm nkyerɛɛ mo?+ Mone m’adansefoɔ.+ Onyankopɔn bi wɔ hɔ ka me ho?+ Dabi, Ɔbotan+ biara nni hɔ. Menhunuu bi.’”
9 Wɔn a wɔsene ahoni nyinaa yɛ nnipahunu,+ na mfasoɔ biara nni adeɛ a wɔn ani gye ho no so;+ wɔn adansefoɔ yi nhunu adeɛ na wɔnnim hwee,+ enti wɔn ani bɛwu.+ 10 Hwan na wanwene onyame anaa wagu honi+ bi? Mfasoɔ biara nni so.+ 11 Hwɛ, n’ahokafoɔ nyinaa ani bɛwu;+ adwumfoɔ no yɛ nnipa. Na wɔn nyinaa bɛbom+ agyina hɔ; ehu bɛka wɔn, na wɔn nyinaa ani bɛwu.+
12 Ɔtomfoɔ ani abere wɔ gya ho; ɔde asaeɛ bɔ de ne basa a ahoɔden wom yɛ ho adwuma.+ Afei ɛkɔm de no, enti ɔnni ahoɔden. Ɔnnom nsuo, enti wabrɛ.
13 Duadwumfoɔ nso atwe susuhoma; ɔde ntwoma sensan dua ho, ɔde adeɛ sene, ɔde kɔmpase sensan ho, na ɔde nkakrankakra yɛ onipa nsɛsoɔ,+ sɛdeɛ ɔdasani ahoɔfɛ teɛ, sɛ ɛntena fie.+
14 Obi nso adwuma ne sɛ ɔbɛbu ntweneduro anaa ɔbɛhwehwɛ dupɔn bi, na wama no anyini wɔ kwaeɛ mu nnua mu.+ Ɔtɛ sennuro, na nsuo tɔ gu so ma no nyini yɛ kɛseɛ. 15 Afei onipa de sɔ gya. Ɔyi bi to ma ne ho yɛ no hye. Na ɔde bi sɔ gya de tõ paanoo. Afei ɔde bi yɛ onyame koto no.+ Ɔsene ohoni+ bɔ ne mu ase n’anim. 16 Ɔde fã sɔ gya. Na ɔde fã nso tõtõ nam we mee. Afei ɔto gya, na ɔka sɛ: “Aa, me ho ayɛ me hye. Mahunu gya.” 17 Na ɔde deɛ aka no yɛ onyame, ohoni a wasene. Ɔbɔ ne mu ase koto no bɔ no mpaeɛ sɛ: “Gye me, na wone me nyame.”+
18 Wɔnnim,+ na wɔnte aseɛ,+ ɛfiri sɛ wɔde adeɛ asra wɔn ani so na anhunu adeɛ,+ ne wɔn akoma nso, na annya nhunumu.+ 19 Ɛmmaa obiara akomam,+ na obi nni nimdeɛ anaa nhunumu+ a ɔbɛka sɛ: “Mede bi asɔ gya, matõ paanoo wɔ ne nsramma so; matõtõ nam wɔ so awe. Afei memfa deɛ aka no nyɛ akyiwadeɛ?+ Duawuiɛ na menkoto no anaa?” 20 Ɔdi nsõ.+ Wɔadaadaa n’akoma ama wayera.+ Ɔntumi nnye ne kra, na ɔntumi mmisa sɛ: “Enti ɛnyɛ atosɛm na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?”+
21 “O Yakob, kae yeinom,+ Israel nso, ɛfiri sɛ woyɛ m’akoa.+ Me na menwenee woɔ.+ Woyɛ m’akoa. O Israel, me werɛ remfi wo.+ 22 Mɛpepa wo mmarato sɛ mununkum+ na mapepa wo bɔne sɛ suwisie.+ San bra me nkyɛn na mɛgye wo.+
23 “Ɔsoro, monni ahurisie,+ ɛfiri sɛ Yehowa akanyan ne ho!+ Asase ase tɔnn,+ mommɔ ose!+ Mmepɔ,+ kwaeɛ ne emu nnua nyinaa, momma mo ani nnye na mo ho nsɛpɛ mo. Ɛfiri sɛ Yehowa agye Yakob, na wada n’animuonyam adi wɔ Israel.”+
24 Deɛ Yehowa, wo Gyefoɔ+ ne deɛ ɔnwenee wo firii yafunu mu no, seɛ nie: “Me Yehowa, me na meyɛ adeɛ nyinaa, metwe ɔsoro mu,+ na meto asase fapem.+ Hwan na na ɔka me ho? 25 Me na mesɛe akasafoɔ nsɛnkyerɛnne, na mema nkɔmhyɛfoɔ bobɔ adam;+ mema anyansafoɔ san wɔn akyi, na wɔn nimdeɛ dane nkwaseasɛm.+ 26 Mene deɛ ɔma n’akoa asɛm yɛ nokorɛ na ɔma n’abɔfoɔ agyinatuo ba mu;+ deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena mu,’+ ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekyere,+ na n’amamfõ nso, mɛma so agyina.’+ 27 Me na meka kyerɛ subunu sɛ, ‘We, na mɛma wo nsubɔnten nyinaa awewe koraa.’+ 28 Me na meka Kores ho asɛm+ sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ, na deɛ ɛsɔ m’ani biara ɔbɛyɛ,’+ ne deɛ maka afa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekyere,’ ne asɔrefie no ho sɛ, ‘Wɔbɛto wo fapem.’”+