3 Enti ɔde nnwetɛbena apem ne ɔha no san maa ne maame,+ na ne maame kaa sɛ: “Me ba yi nti, mɛhyira dwetɛ yi so ama Yehowa, na mɛma wɔde ayɛ honi a wɔasene+ ne deɛ wɔaguo.+ Na mɛsan de ama wo.”
30 Ɛno akyi no Danfoɔ no de honi a wɔasene+ no sii hɔ faeɛ. Na Mose ba Gersom+ ba Yonatan+ ne ne mma bɛyɛɛ Dan abusuakuo no asɔfoɔ kɔsii da a wɔfaa ɔman no kɔɔ nkoasom mu.+
7 Bio nso, ɔde bosom dua a wasene+ no sɛ ohoni no kɔsii fie hɔ, efie+ a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no sɛ: “Efie yi ne Yerusalem a mayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu no na mede me din bɛto soɔ akɔsi daa.+
14 Wo ho asɛm a Yehowa ahyɛ nie, ‘Wɔrennua wo din bio.+ Mɛbubu ahoni a wɔasene ne deɛ wɔaguo afiri w’abosomfie.+ Mɛyɛ damena ama wo,+ ɛfiri sɛ mfasoɔ biara nni wo so.’
18 Sɛ odwumfoɔ sene ohoni a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ dadeɛ honi ne atorɔ kyerɛkyerɛfoɔ+ soɔ?+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ odwumfoɔ de ne ho to deɛ wayɛ so+ na ɔyɛ anyamehunu a ɛntumi nkasa?+