Atemmufoɔ
17 Ná ɔbarima bi te Efraim+ bepɔ so a ne din de Mika. 2 Da bi ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Nnwetɛbena apem ne ɔha a obi fa firii wo nkyɛn a wobɔɔ ho dua+ na woka maa meteeɛ no, hwɛ, dwetɛ no wɔ me hɔ. Me na mefaeɛ.”+ Ɛnna ne maame kaa sɛ: “Yehowa nhyira me ba yi.”+ 3 Enti ɔde nnwetɛbena apem ne ɔha no san maa ne maame,+ na ne maame kaa sɛ: “Me ba yi nti, mɛhyira dwetɛ yi so ama Yehowa, na mɛma wɔde ayɛ honi a wɔasene+ ne deɛ wɔaguo.+ Na mɛsan de ama wo.”
4 Na ɔsan de dwetɛ no maa ne maame, na ne maame yii nnwetɛbena ahanu maa dwetɛ dwumfoɔ+ bi. Na ɔyɛɛ honi a wɔasene+ ne deɛ wɔaguo+ de sii Mika fie. 5 Ná Mika wɔ abosomfie+ bi wɔ hɔ, na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ+ ne terafim honi,+ na ɔde tumi hyɛɛ ne ba baako nsa+ maa no somee sɛ ne sɔfoɔ.+ 6 Saa berɛ no, na ɔhene biara nni Israel.+ Deɛ ɛtene obiara ani soɔ na ɔyɛeɛ.+
7 Na Lewini+ aberanteɛ bi te Betlehem+ wɔ Yuda. Saa berɛ no na wakɔsoɛ Yuda abusua mu kakra. 8 Ɔbarima no firii Betlehem kuro a ɛwɔ Yuda kyini kɔhwehwɛɛ baabi a ɔbɛnya atena kakra. Ɔnenam no, ɔkɔpuee Mika fie wɔ Efraim bepɔ so.+ 9 Na Mika bisaa no sɛ: “Wofiri he?” Na ɔbuaa sɛ: “Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem wɔ Yuda, na merehwehwɛ baabi a mɛnya atena kakra.” 10 Afei Mika ka kyerɛɛ no sɛ: “Tena me nkyɛn, na memfa wo nyɛ me papa+ ne me sɔfoɔ,+ na mɛma wo nnwetɛbena du afe biara ne asɔfotadeɛ ne w’ano aduane.” Na Lewini no baa fie hɔ. 11 Enti Lewini no penee so ne ɔbarima no tenaeɛ, na aberanteɛ no bɛyɛɛ sɛ ne mma no baako. 12 Na Mika de tumi hyɛɛ Lewini no nsa+ sɛdeɛ ɛbɛma aberanteɛ no ayɛ ne sɔfoɔ+ na watena Mika fie. 13 Ɛnna Mika kaa sɛ: “Afei na mahunu sɛ Yehowa ne me bɛdi no yie, ɛfiri sɛ manya Lewini sɛ me sɔfoɔ.”+