Atemmufoɔ
18 Saa berɛ no na ɔhene biara nni Israel.+ Na saa nna no mu no, na Dan abusuakuo+ no rehwehwɛ asase atena so, ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no na wɔnnyaa agyapadeɛ wɔ Israel mmusua no mu.+
2 Enti Danfoɔ no somaa wɔn abusua no mu mmarima nnum a wɔyɛ akokoɔdurofoɔ firii Sora+ ne Estaol+ sɛ wɔnkɔkyinkyini nhwɛ+ sɛdeɛ asase no teɛ. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔfa asase no so nhwɛ sɛdeɛ ɛteɛ.” Akyire yi wɔkɔduruu Mika+ fie wɔ Efraim+ bepɔ so, na wɔdaa hɔ maa adeɛ kyeeɛ. 3 Berɛ a wɔbɛn Mika fie no, wɔtee Lewini aberanteɛ no nne, enti wɔmanee hɔ. Na wɔbisaa no sɛ: “Hwan na ɔde wo baa ha, woreyɛ dɛn wɔ ha, na ɛdeɛn koraa na wowɔ wɔ ha?” 4 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Sei ne sei na Mika yɛ maa me, na wabɔ me paa+ sɛ menyɛ ne sɔfoɔ.”+ 5 Afei wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛsrɛ wo bisa+ Onyankopɔn+ ma yɛn na yɛnhunu sɛ ɛkwan a yɛrekorɔ no bɛsi yɛn yie anaa.” 6 Na ɔsɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa asomdwoeɛ nkɔ, ɛfiri sɛ ɛkwan a morekorɔ no da Yehowa anim.”
7 Ɛnna mmarima nnum no sii mu kɔduruu Lais,+ na wɔhunuu sɛ nnipa no te wɔn ho so sɛdeɛ Sidonfoɔ su teɛ. Ná wɔte hɔ komm a hwee nha wɔn,+ na otirimuɔdenfoɔ biara nni hɔ a ɔhyɛ wɔn so wɔ asase no soɔ. Bio nso wɔne Sidonfoɔ+ ntam ware, na wɔne nnipa biara nni hwee yɛ.
8 Akyire yi wɔsan baa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Sora+ ne Estaol,+ na wɔn nuanom no bisaa wɔn sɛ: “Ɛkɔɔ sɛn?” 9 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Monsɔre na yɛnkɔ wɔn so, ɛfiri sɛ yɛakɔhunu sɛ asase no yɛ paa.+ Mote hɔ reyɛ dɛn? Monkeka mo ho na monkɔfa asase no.+ 10 Sɛ mokɔ a, mobɛhunu sɛ nnipa no te hɔ a hwee nha wɔn+ na asase no sõ. Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa,+ na biribiara nni asase so a ɛho yɛ nã wɔ hɔ.”+
11 Afei Dan abusuakuo+ no mu mmarima ahansia a wɔde akodeɛ ahyehyɛ wɔn ho siim firii Sora ne Estaol+ kɔeɛ. 12 Na wɔkɔsoɛɛ Kiriat-Yearim+ wɔ Yuda. Enti wɔtoo hɔ din Mahane-Dan+ na wɔfrɛ hɔ saa de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔeɛ fam. 13 Wɔfiri hɔ twaam kɔɔ Efraim bepɔ so kɔduruu Mika+ fie.
14 Ɛnna mmarima nnum a wɔkɔhwɛɛ+ Lais+ asase no ka kyerɛɛ wɔn nuanom no sɛ: “Monim sɛ asɔfotadeɛ ne terafim honi+ ne honi a wɔasene+ ne deɛ wɔaguo+ wɔ fie yi mu? Afei monhwɛ deɛ mobɛyɛ.”+ 15 Enti wɔmane kɔɔ Lewini+ aberanteɛ no fie wɔ Mika fie, na wɔbisaa no sɛdeɛ n’apɔ mu teɛ.+ 16 Saa berɛ yi nyinaa na Danfoɔ+ mmarima ahansia a wɔde akodeɛ+ ahyehyɛ wɔn ho no gyinagyina pono no ano. 17 Na mmarima nnum a wɔkɔhwɛɛ asase no+ wuraa fie hɔ sɛ wɔrekɔfa honi a wɔasene+ ne asɔfotadeɛ+ ne terafim honi+ ne honi a wɔaguo+ no. (Saa berɛ no na ɔsɔfoɔ+ no ne mmarima ahansia a wɔde akodeɛ ahyehyɛ wɔn ho no gyina pono no ano.) 18 Na wɔkɔɔ Mika fie kɔfaa honi a wɔasene ne asɔfotadeɛ ne terafim honi ne honi a wɔaguo+ no. Ɛnna ɔsɔfoɔ+ no bisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na moreyɛ yi?” 19 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ komm. Fa wo nsa to w’ano, na wo ne yɛn nkɔ na yɛmfa wo nyɛ yɛn papa+ ne yɛn sɔfoɔ.+ Sɛ́ wobɛyɛ ɔsɔfoɔ wɔ onipa baako+ fie ne sɛ wobɛyɛ ɔsɔfoɔ ama Israel abusuakuo+ ne abusua bi, deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ?” 20 Ɔsɔfoɔ no penee so+ na ɔfaa asɔfotadeɛ ne terafim honi ne honi a wɔasene no,+ na ɔkɔkaa nnipa no ho.
21 Afei wɔdanee wɔn ho kɔeɛ, na wɔmaa mmɔfra nketewa ne wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ dii animu.+ 22 Berɛ a wɔfiri Mika fie kɔɔ akyiri kakra no, Mika+ afipamfoɔ bɛhyiaeɛ, na wɔtĩĩ Danfoɔ no. 23 Na wɔteaam frɛɛ Danfoɔ no, ɛnna wɔdanee wɔn ani bisaa Mika sɛ: “Ɛdeɛn na ayɛ woɔ+ a wokura dɔm kɛseɛ yi?” 24 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Anyame+ a mayɛ+ no, moafa de ɔsɔfoɔ+ no aka ho kɔ, na ɛdeɛn bio na mewɔ?+ Adɛn na motwa mo ho bisa me sɛ, ‘Ɛdeɛn na ayɛ woɔ?’” 25 Na Danfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛmpɛ sɛ yɛbɛte wo nne yɛn mu, anyɛ saa a, mmarima a wɔn bo afuo+ yi bɛto ahyɛ mo so, na wo ne wo fiefoɔ nyinaa bɛhwere mo kra.” 26 Danfoɔ no toaa wɔn akwantuo so, na Mika hunuu sɛ wɔn ho yɛ den sene no,+ enti ɔsan n’akyi kɔɔ ne fie.
27 Wɔfaa deɛ Mika ayɛ no ne ne sɔfoɔ+ no de wɔn ani kyerɛɛ Lais,+ na wɔkɔto hyɛɛ nnipa a wɔte hɔ komm a hwee nha wɔn+ no so. Wɔde nkrantɛ+ kunkum wɔn de gya hyee kuro no.+ 28 Obiara nni hɔ a na ɔbɛgye wɔn, ɛfiri sɛ na kuro no ne Sidon+ ntam ware, na wɔne nnipa biara nni hwee yɛ; ná kuro no da Bet-Rehob+ asasetamaa so. Afei wɔsan kyekyeree kuro no tenaa mu.+ 29 Na wɔde wɔn papa Dan+ a ɔyɛ Israel ba+ no din too kuro no, enti wɔfrɛɛ hɔ Dan. Nanso kane no na wɔfrɛ kuro no Lais.+ 30 Ɛno akyi no Danfoɔ no de honi a wɔasene+ no sii hɔ faeɛ. Na Mose ba Gersom+ ba Yonatan+ ne ne mma bɛyɛɛ Dan abusuakuo no asɔfoɔ kɔsii da a wɔfaa ɔman no kɔɔ nkoasom mu.+ 31 Enti wɔfaa Mika honi a wɔasene no berɛ a nokorɛ Nyankopɔn fie+ wɔ Silo+ nyinaa.