Genesis 36:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom+ asase soɔ ansa na Israel mma rebɛnya ɔhene bi adi wɔn soɔ.+ Deuteronomium 33:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɔbɛyɛɛ ɔhene wɔ Yesurun,+Berɛ a ɔman no mpanimfoɔ hyiaeɛ,+Berɛ a Israel mmusua nyinaa hyiaeɛ no.+ Atemmufoɔ 8:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me deɛ, merenni mo so, na me ba nso renni mo so.+ Yehowa na ɔbɛdi mo soɔ.”+ Atemmufoɔ 17:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Saa berɛ no, na ɔhene biara nni Israel.+ Deɛ ɛtene obiara ani soɔ na ɔyɛeɛ.+ Atemmufoɔ 19:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Berɛ a na ɔhene biara nni Israel no,+ na Lewini bi te Efraim+ bepɔ so akyirikyiri baabi. Berɛ bi akyi no ɔfaa ɔyefam+ bi firii Betlehem+ wɔ Yuda. Atemmufoɔ 21:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Saa berɛ no, na ɔhene biara nni Israel.+ Deɛ ɛtene obiara ani soɔ na ɔyɛeɛ.+
23 Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me deɛ, merenni mo so, na me ba nso renni mo so.+ Yehowa na ɔbɛdi mo soɔ.”+
19 Berɛ a na ɔhene biara nni Israel no,+ na Lewini bi te Efraim+ bepɔ so akyirikyiri baabi. Berɛ bi akyi no ɔfaa ɔyefam+ bi firii Betlehem+ wɔ Yuda.