Atemmufoɔ
8 Na Efraimfoɔ bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Adɛn nti na wo ne Midianfoɔ rekɔko no woamfrɛ yɛn?”+ Enti wɔne no ham dendeenden.+ 2 Ɛnna ɔbuaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na mayɛ a ɛsene mo deɛ?+ Bobe ase nkaeɛ a Efraim sesaeɛ+ no nyɛ nkyɛn bobe a Abiesar+ atwa aboaboa ano? 3 Mo nsam na Onyankopɔn de Midianfoɔ akunini Oreb ne Seeb+ ahyɛ. Ɛdeɛn na mayɛ a ɛbɛto deɛ moayɛ yi?” Ɔkaa saa no wɔn bo dwoeɛ.+
4 Afei Gideon ne mmarima ahasa a wɔka ne ho no bɛduruu Yordan ho na wɔtwaeɛ. Na wɔabrɛ deɛ, nanso wɔkɔɔ so ara tĩĩ wɔn. 5 Akyire yi ɔka kyerɛɛ Sukotfoɔ+ sɛ: “Mesrɛ mo, momma mmarima a wɔdi m’akyi yi paanoo nni,+ ɛfiri sɛ wɔabrɛ, na meretĩ Midian ahemfo Sebah+ ne Salmuna.”+ 6 Nanso Sukot atitire no kaa sɛ: “Wo nsa aka Sebah ne Salmuna awie na yɛmma wo dɔm paanoo yi?”+ 7 Na Gideon buaa sɛ: “Yei nti sɛ Yehowa nya de Sebah ne Salmuna hyɛ me nsa a, mede serɛ so nkasɛɛ ne hwerɛmo bɛtete mo nam.”+ 8 Na ɔfirii hɔ kɔɔ Penuel+ de asɛnkorɔ no ara kɔtoo wɔn anim, nanso deɛ Sukotfoɔ kaeɛ no ara na Penuelfoɔ nso ka kyerɛɛ no. 9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Penuelfoɔ nso sɛ: “Sɛ mesan ba asomdwoeɛ mu a, mɛdwiri abantenten yi agu fam.”+
10 Saa berɛ no na Sebah ne Salmuna+ ne wɔn dɔm wɔ Karkor. Ná Apueeɛfoɔ+ dɔm a aka nyinaa yɛ mpem dunum, ɛfiri sɛ na asraafoɔ mpem ɔha aduonu a wɔtwe nkrantɛ atotɔ akono.+ 11 Gideon toaa so kɔfaa wɔn a wɔte ntomadan mu no kwan so wɔ Noba ne Yogbeha+ apueeɛ, na ɔto hyɛɛ asraafoɔ no so berɛ a wɔn ani nni wɔn ho soɔ.+ 12 Midian ahemfo mmienu no, Sebah ne Salmuna,+ dwaneeɛ na ɔtĩĩ wɔn ntɛm ara kɔkyee wɔn. Na ɔmaa ehu kaa asraafoɔ no nyinaa.
13 Afei Yoas ba Gideon firi akono kɔfaa kwan a ɛforo kɔ Heres no so san baeɛ. 14 Berɛ a ɔnam kwan so reba no, ɔkyee aberanteɛ bi a ɔfiri Sukot+ bisabisaa no nsɛm.+ Na ɔtwerɛɛ Sukot atitire+ ne wɔn mpanimfoɔ din maa no. Ná wɔyɛ mmarima aduɔson nson. 15 Ɔfiri hɔ no, ɔkɔɔ Sukotfoɔ so kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sebah ne Salmuna nie. Wɔn nti na motwaa me mpoa sɛ, ‘Wo nsa aka Sebah ne Salmuna awie na yɛmma wo mmarima a wɔabrɛ no paanoo yi?’”+ 16 Ɛnna ɔkyee kuro no mu mpanimfoɔ, na ɔde serɛ so nkasɛɛ ne hwerɛmo kyerɛɛ Sukot mmarima no nyansa.+ 17 Na ɔdwirii+ Penuel+ abantenten no guiɛ, na ɔkunkum kurom hɔ mmarima.
18 Afei ɔbisaa Sebah ne Salmuna+ sɛ: “Mmarima a mokum wɔn Tabor+ no te sɛn?” Na wɔbuaa sɛ: “Wɔte sɛ wo ara; wɔn nyinaa te sɛ ahenemma.” 19 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Wɔyɛ me nuanom, me maame mma. Na sɛ Yehowa te aseɛ yi, sɛ moanku wɔn a, anka me nso merenku mo.”+ 20 Na ɔka kyerɛɛ ne ba panin Yeter sɛ: “Sɔre ku wɔn.” Nanso aberanteɛ no antumi antwe ne nkrantɛ wɔn so; na ɔyɛ aberantewaa,+ enti na ɔsuro. 21 Ɛnna Sebah ne Salmuna kaa sɛ: “Wo ara sɔre na ku yɛn, na sɛdeɛ ɔbarima teɛ no, saa ara na ne mmarimasɛm teɛ.”+ Enti Gideon sɔre kum+ Sebah ne Salmuna na ɔfaa nnwinneɛ a ɛte sɛ bosome a ɛdeda wɔn yoma kɔn mu no.
22 Akyire yi Israelfoɔ ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Wo ne wo mma ne wo mmanana nni yɛn so,+ ɛfiri sɛ woagye yɛn afiri Midianfoɔ nsam.”+ 23 Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me deɛ, merenni mo so, na me ba nso renni mo so.+ Yehowa na ɔbɛdi mo soɔ.”+ 24 Gideon toaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mepɛ sɛ moyɛ biribi ma me: Obiara mfa hwenem kawa+ a ɔnyaa no sɛ asadeɛ no mma me.” (Ná wɔn atamfo no yɛ Ismaelfoɔ, enti na wɔwɔ sika hwenem nkawa.)+ 25 Na wɔkaa sɛ: “Yɛde bɛma wo.” Enti wɔde ntoma sɛɛ fam, na obiara de hwenem kawa a ɔnyaeɛ no guu so. 26 Sika hwenem nkawa a ɔgyeeɛ no ano si sika nnwetɛbena apem ahanson. Yei nka nnwinneɛ a ɛte sɛ bosome+ ne asomuadeɛ ne ntade kɔkɔɔ+ a na ɛhyehyɛ Midian ahemfo no, ne kɔnmuadeɛ a ɛdeda yoma kɔn mu+ no ho.
27 Gideon de yɛɛ asɔfotadeɛ+ na ɔde kɔkyerɛeɛ wɔ ne kurom Ofra.+ Nanso Israelfoɔ danee no honi na wɔne no bɔɔ adwaman,+ na ɛbɛyɛɛ fidie maa Gideon ne ne fiefoɔ.+
28 Na Israelfoɔ dii Midianfoɔ+ so nkonim, na wɔantumi amma wɔn tiri so bio, na asase no so dwoo mfeɛ aduanan wɔ Gideon berɛ so.+
29 Na Yoas ba Yerubaal+ san kɔtenaa ne fie.
30 Gideon nyaa mma mmarima aduɔson+ a wɔfiri ɔno ara n’asene mu, ɛfiri sɛ na ne yerenom dɔɔso. 31 Na ɔwɔ yefam bi wɔ Sekem, na ɔno nso woo ɔbabarima maa no. Na ɔtoo ne din Abimelek.+ 32 Akyire yi, Yoas ba Gideon wuiɛ a na nna amee no, na wɔsiee no ne papa Yoas asieeɛ wɔ Abiesarfoɔ+ kuro Ofra mu.
33 Berɛ a Gideon wuiɛ ara pɛ na Israelfoɔ no san ne Baal kɔbɔɔ adwaman,+ na wɔde Baal-Berit yɛɛ wɔn nyame.+ 34 Na Israelfoɔ ankae Yehowa wɔn Nyankopɔn+ a ɔgyee wɔn firii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam no.+ 35 Na nnepa a Yerubaal anaa Gideon yɛɛ no Israel nyinaa akyi no,+ Israelfoɔ anyɛ ne fiefoɔ adɔeɛ+ antua ka.