Atemmufoɔ
9 Akyire yi Yerubaal ba Abimelek+ kɔɔ ne maame nua mmarima nkyɛn wɔ Sekem,+ na ɔne wɔn ne ne maame papa fiefoɔ nyinaa kɔkasaa sɛ: 2 “Monka mma Sekem mmarima nyinaa nte sɛ, ‘Ɛyɛ ma mo sɛ Yerubaal mma aduɔson+ no nyinaa bɛdi mo soɔ, anaa onipa baako? Monkae sɛ meyɛ mo dompe ne mo honam.’”+
3 Enti ne maame nuanom kaa ne ho asɛm kyerɛɛ Sekem mmarima nyinaa maa wɔn akoma dane kɔɔ Abimelek so,+ na wɔkaa sɛ: “Ɔyɛ yɛn nua.”+ 4 Na wɔyii nnwetɛbena aduɔson firii Baal-Berit+ abosomfie de maa no, na Abimelek de bɔɔ ahuhufoɔ akwasampafoɔ+ bi paa sɛ wɔnni n’akyi. 5 Afei ɔkɔɔ ne papa fie wɔ Ofra+ kɔkunkum ne nuanom,+ Yerubaal mma mmarima aduɔson no, wɔ boɔ baako so. Ɛkaa Yerubaal ba kumaa Yotam nko ara, ɛfiri sɛ ɔkɔhuntaeɛ.
6 Enti Sekem mmarima ne Milofoɔ+ nyinaa hyiaeɛ, na wɔsii Abimelek hene+ wɔ dupɔn+ no ho, edum a ɛsi Sekem+ no ho.
7 Berɛ a wɔbɔɔ Yotam amanneɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔgyinaa Bepɔ Gerisim+ atifi, na ɔmaa ne nne so teaam ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sekem mmarima, montie me, na Onyankopɔn nso ntie mo:
8 “Berɛ bi nnua nyinaa kɔɔ sɛ wɔrekɔsra obi asi wɔn so hene. Na wɔka kyerɛɛ ngodua+ sɛ, ‘Di yɛn so hene.’+ 9 Na ngodua bisaa wɔn sɛ, ‘Mopɛ sɛ megya me sradeɛ a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa animuonyam no hɔ+ kɔhim me ho wɔ nnua foforɔ so anaa?’+ 10 Na nnua no ka kyerɛɛ borɔdɔma+ nso sɛ, ‘Bra bɛdi yɛn so.’ 11 Na borɔdɔma bisaa wɔn sɛ, ‘Mopɛ sɛ megya me dɛ ne m’aba pa hɔ kɔhim me ho wɔ nnua foforɔ so anaa?’+ 12 Afei nnua no kɔka kyerɛɛ bobe sɛ, ‘Bra bɛdi yɛn so.’ 13 Ɛnna bobe bisaa wɔn sɛ, ‘Mopɛ sɛ megya me nsã foforɔ a ɛma Onyankopɔn ne nnipa ani gyeɛ no hɔ+ kɔhim me ho wɔ nnua foforɔ so anaa?’ 14 Awieeɛ koraa no, nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nnɛnkyɛmse+ sɛ, ‘Bra bɛdi yɛn so hene.’ 15 Ɛnna nnɛnkyɛmse ka kyerɛɛ nnua no sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ ampa sɛ mopɛ sɛ mosra me si mo so hene a, mommra me nwunu ase mmɛhome.+ Na sɛ ɛnte saa a, ɛnneɛ egya+ mfiri nnɛnkyɛmse mu mmɛhye Lebanon+ ntweneduro.’+
16 “Enti sɛ mofiri mo akomam ampa na mosii Abimelek hene+ na ɛtene sɛ moyɛɛ saa, na sɛ mo ne Yerubaal ne ne fie adi no yie, na deɛ ɔyɛeɛ so akatua nie, 17 na sɛ me papa ko+ maa mo na ɔde ne kra too ne nsam+ gyee mo firii Midian+ nsam, 18 na sɛ nnɛ moatu mo ani asi me papa fie so akunkum ne mma,+ mmarima aduɔson+ wɔ boɔ baako so, na sɛ mode n’afenaa+ ba Abimelek asi Sekem mmarima so hene,+ sɛ ɔyɛ mo nua nti, 19 na sɛ mo ne Yerubaal ne ne fie adi no nokorɛ ne tenenee mu ampa a, ɛnneɛ monni ahurisie Abimelek ho na ɔno nso nni ahurisie mo ho.+ 20 Na sɛ ɛnte saa a, ɛnneɛ egya+ mfiri Abimelek mu mmɛhye Sekem mmarima ne Milo fie,+ na egya+ mfiri Sekem mmarima ne Milo fie mmɛhye Abimelek.”+
21 Afei Yotam+ de mmirika dwane kɔɔ Beer kɔtenaa hɔ, ne nua Abimelek nti.
22 Na Abimelek dii Israel so bakoma mfeɛ mmiɛnsa.+ 23 Ɛnna Onyankopɔn maa ntõtõ+ baa Abimelek ne Sekem mmarima ntam, na Sekem mmarima firii aseɛ didii Abimelek ase+ 24 na ama amumuyɔsɛm a Abimelek de dii Yerubaal mma aduɔson no adane aba+ ne so na wɔn mogya abɛgu ne tiri so, ɛfiri sɛ ɔno na ɔkum wɔn.+ Na ɛbɛgu Sekem mmarima nso tiri so, ɛfiri sɛ wɔn na wɔhyɛɛ ne nsam den+ maa no kum ne nuanom. 25 Enti Sekem mmarima maa nkurɔfoɔ kɔtɛɛ Abimelek wɔ mmepɔ atifi, na wɔgyee obiara a ɔbɛtwam wɔn nkyɛn no ho nneɛma wɔ kwan no so. Na wɔkɔbɔɔ Abimelek amanneɛ.
26 Na Ebed ba Gaal+ ne ne nuanom bɛtwaam kɔɔ Sekem,+ na Sekem mmarima de wɔn ho too ne so.+ 27 Na sɛdeɛ wɔyɛ daa no, wɔkɔɔ wɔn mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba, na wɔkyĩ yɛɛ nsã, na wɔbɔɔ ose.+ Afei wɔkɔɔ wɔn nyame+ fie kɔdidi nomeeɛ+ na wɔdomee+ Abimelek. 28 Na Ebed ba Gaal kaa sɛ: “Hwan ne Abimelek,+ na hwan ne Sekem? Adɛn nti na yɛnsom no? Ɔnyɛ Yerubaal+ ba, na Sebul+ nyɛ ne nanmusini anaa? Sɛ mobɛsom Sekem agya Hamor+ asefoɔ a, monsom wɔn, na ɛdeɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛsom no? 29 Sɛ ɔman yi hyɛ me nsa a,+ anka matu Abimelek adeɛ so.” Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ Abimelek sɛ: “Ma wo dɔm nnɔɔso na firi bra.”+
30 Berɛ a Sebul a ɔyɛ amrado wɔ kurom hɔ tee Ebed+ ba Gaal nsɛm no, ne bo fuiɛ. 31 Na ɔfaa akyire somaa nnipa kɔɔ Abimelek nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Ebed ba Gaal ne ne nuanom aba Sekem,+ na wɔama kuro mũ no nyinaa asɔre atia wo. 32 Enti sɔre anadwo+ na wo ne nnipa a wɔka wo ho no nkɔtɛ+ wuram. 33 Anɔpa a awia repue no, sɔre ntɛm kɔto hyɛ kuro no so; na sɛ ɔne ne dɔm ba wo so a, yɛ no deɛ wobɛtumi biara.”
34 Enti Abimelek ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɔree anadwo, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuo nnan kɔtɛ hwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛto ahyɛ Sekem kuro no soɔ. 35 Akyire yi Ebed ba Gaal+ firii adi kɔgyinaa kuro no pono ano. Afei Abimelek ne ne nkurɔfoɔ no pue firii baabi a wɔkɔtɛeɛ no. 36 Berɛ a Gaal hunuu nnipa no, ɔka kyerɛɛ Sebul sɛ: “Hwɛ! Nnipa bi firi mmepɔ no atifi resiane.” Nanso Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛyɛ mmepɔ no sunsum na wohunu no sɛ nnipa no.”+
37 Akyire yi Gaal san kaa sɛ: “Hwɛ, nnipa bi firi asase no so reba, na kuo baako nam Meonenim dupɔn no kwan so reba!” 38 Ɛnna Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: “Afei w’ano a wode kaa+ sɛ, ‘Hwan ne Abimelek a ɛsɛ sɛ yɛsom no’ no wɔ he?+ Ɛnyɛ nnipa yi na wopoo wɔn no?+ Afei kɔ na wo ne wɔn nkɔko ɛ.”
39 Enti Gaal dii Sekem mmarima anim ne Abimelek kɔkoeɛ. 40 Na Abimelek pamoo no, na ɔdwaneeɛ; na nnipa pii wuwu sam hɔ de kɔsii kuro no pono ano.
41 Afei Abimelek tenaa Aruma, na Sebul+ pamoo Gaal+ ne ne nuanom firii Sekem.+ 42 Na adeɛ kyeeɛ no, nnipa no firii adi kɔɔ wuram. Enti wɔbɛbɔɔ Abimelek+ amanneɛ. 43 Na ɔkyɛɛ nnipa no mu akuo mmiɛnsa,+ na wɔkɔtɛɛ wuram. Na berɛ a ɔhunuu sɛ nnipa no apue afiri kurom hɔ reba no, ɔto hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn. 44 Na Abimelek ne kuo a wɔka ne ho no bɔɔ twi kɔgyinaa kuro no pono ano, na akuo mmienu no nso kɔto hyɛɛ wɔn a wɔwɔ wuram no so kunkum wɔn.+ 45 Na Abimelek to hyɛɛ kuro no so ne emufoɔ koo da mũ no nyinaa, na ɔdii so nkonim. Afei ɔkunkum nnipa a wɔwɔ hɔ no,+ na ɔsɛee kuro no+ de nkyene petee hɔ nyinaa.+
46 Berɛ a mmarima a wɔtete Sekem abankɛseɛ mu teeɛ no, wɔkɔhyɛɛ El-Berit+ fie ahuntaeɛ mu. 47 Afei wɔkɔbɔɔ Abimelek amanneɛ sɛ mmarima a wɔtete Sekem abankɛseɛ mu no nyinaa aboa wɔn ano. 48 Ɛnna Abimelek ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa kɔɔ Bepɔ Salmon+ so. Na Abimelek de akuma twaa duban bi de too ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: “Deɛ mayɛ a mo ani tua yi, monyɛ bi ntɛm, sɛdeɛ mayɛ no!”+ 49 Enti nnipa no nyinaa twitwaa nnua mman de dii Abimelek akyi. Na wɔde bɛguu aban ase dan no ho de gya toom. Enti Sekem abankɛseɛ no mu nnipa nyinaa wuwuiɛ, mmarima ne mmaa bɛyɛ apem.+
50 Afei Abimelek kɔto hyɛɛ Tebes+ so, na ɔfaa kuro no. 51 Saa berɛ no, na abandenden bi wɔ kuro no mu, enti mmarima ne mmaa ne kurom hɔfoɔ nyinaa dwane kɔhyɛɛ hɔ, na wɔtoo mu foro kɔɔ aban no atifi. 52 Na Abimelek kɔduruu aban no ho, na ɔto hyɛɛ so, na ɔbɛn aban no ano pɛɛ sɛ ɔde gya rekɔto mu.+ 53 Ɛnna ɔbaa bi gyaa oyuyammoɔ mu bɛhwee Abimelek tirim maa ne tikoraa mu paeeɛ.+ 54 Ntɛm ara na ɔfrɛɛ n’akoa a ɔkura n’akodeɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Twe wo nkrantɛ ku me,+ na nkurɔfoɔ anka sɛ, ‘Ɔbaa na ɔkuu no.’” Ntɛm ara, n’akoa no de ne nkrantɛ wɔɔ no maa no wuiɛ.+
55 Berɛ a Israelfoɔ hunuu sɛ Abimelek awuo no, obiara kɔɔ ne fie. 56 Enti Onyankopɔn maa bɔne a Abimelek yɛɛ ne papa sɛ ɔkunkum ne nuanom aduɔson no baa ne so.+ 57 Na Onyankopɔn maa Sekemfoɔ bɔne nyinaa baa wɔn ara tiri so, na Yerubaal+ ba Yotam+ nnome+ no baa wɔn so.+