15 ɛnneɛ obi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi no na ɛsɛ sɛ wode no si wo so hene.+ Ma wo nuanom bi nni wo so hene. Wontumi mma ɔhɔhoɔ a ɔnyɛ wo nua nni wo so.
15 Ɛnna nnɛnkyɛmse ka kyerɛɛ nnua no sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ ampa sɛ mopɛ sɛ mosra me si mo so hene a, mommra me nwunu ase mmɛhome.+ Na sɛ ɛnte saa a, ɛnneɛ egya+ mfiri nnɛnkyɛmse mu mmɛhye Lebanon+ ntweneduro.’+