Atemmufoɔ
10 Abimelek akyi no, Dodo ba Pua ba Tola na ɔsɔre gyinaa sɛ ɔbɛgye+ Israel. Ná ɔfiri Isakar abusuakuo mu na ɔtenaa Samir wɔ Efraim+ bepɔ so. 2 Ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmiɛnsa, na ɛno akyi no ɔwu maa wɔsiee no Samir.
3 N’akyi no Gileadni+ Yair nso baeɛ, na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmienu. 4 Ɔwoo mma mmarima aduasa a wɔtenatenaa mfunumu aduasa soɔ.+ Ná wɔwɔ nkuro aduasa wɔ Gilead asase so a wɔfrɛ hɔ Hawot-Yair+ de bɛsi nnɛ. 5 Akyire yi Yair wu maa wɔsiee no Kamon.
6 Na Israelfoɔ no firii aseɛ yɛɛ bɔne bio Yehowa ani so,+ na wɔsom Baal+ ne Astoret+ ahoni ne Siria+ anyame ne Sidon+ anyame ne Moab+ anyame ne Ammonfoɔ+ anyame ne Filistifoɔ+ anyame. Enti wɔpoo Yehowa na wɔansom no.+ 7 Na Yehowa bo fuu Israel+ dendeenden na ɔtɔn+ wɔn hyɛɛ Filistifoɔ+ ne Ammonfoɔ+ nsa. 8 Wɔdii Israelfoɔ ani, na wɔhyɛɛ wɔn so saa afe no—na wɔyɛɛ saa mfeɛ dunwɔtwe de teetee Israelfoɔ a wɔwɔ Yordan agya wɔ Amorifoɔ asase so wɔ Gilead no nyinaa. 9 Saa berɛ no na Ammonfoɔ twa Yordan asubɔnten no ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fie kɔko. Israel ho hiahiaa no paa.+ 10 Afei Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa,+ na wɔkaa sɛ: “Yɛayɛ bɔne+ atia wo, ɛfiri sɛ yɛagya yɛn Nyankopɔn akɔsom Baal+ ahoni.”
11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ: “Berɛ a Egyptfoɔ+ ne Amorifoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Filistifoɔ+ 12 ne Sidonfoɔ+ ne Amalekfoɔ+ ne Midianfoɔ+ hyɛɛ mo soɔ+ na mosu frɛɛ me no, mannye mo amfiri wɔn nsam? 13 Nanso mopoo me+ kɔsom anyame foforɔ.+ Enti merennye mo bio.+ 14 Anyame a moayi+ wɔn no wɔ hɔ, momfrɛ wɔn na wɔmmɛboa mo.+ Sɛ mo ho akyere mo a, momma wɔmmɛgye mo.” 15 Ɛnna Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Yɛayɛ bɔne,+ enti yɛ yɛn deɛ ɛfata w’ani soɔ biara.+ Deɛ yɛresrɛ ara ne sɛ gye yɛn nnɛ da yi.”+ 16 Na wɔfirii aseɛ yiyii ananafoɔ anyame firii wɔn nkyɛn,+ na wɔsom Yehowa.+ Afei na ne kra+ ntumi nhwɛ Israelfoɔ ahoyera no bio.+
17 Berɛ bi akyi no, Ammonfoɔ+ boaa wɔn dɔm ano wɔ Gilead,+ na Israelfoɔ nso boaa wɔn dɔm ano wɔ Mispa.+ 18 Na Gileadfoɔ ne wɔn akunini bisaa wɔn ho sɛ: “Ɔbarima bɛn na ɔbɛdi animu ne Ammonfoɔ akɔko?+ Ɔno na ɔbɛdi Gileadfoɔ nyinaa soɔ.”+