13 Na ɔbɔɔ no mpaeɛ daa, na ɔtiee+ ne nkotɔsrɛ yɛɛ no adom san de no baa Yerusalem bɛtenaa n’ahennie so;+ Manase bɛhunuu sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn+ no.
9 Berɛ a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.+ Na ɔno ara ne bɔfoɔ gyee wɔn.+ Ne dɔ ne n’ahummɔborɔ nti ɔgyee wɔn,+ na ɔmaa wɔn so turuu wɔn tete nna no nyinaa mu.+
20 “Efraim yɛ ɔba a ɔsom bo ma me, anaasɛ ɔba a mepɛ n’asɛm yie anaa?+ Dodoɔ a mekasa tia no no, dodoɔ no ara na mɛkae no.+ Ɛno nti na me nsono mu twitwa me ne ho no.+ Hu ara na mɛhu no mmɔbɔ,”+ Yehowa asɛm nie.