23 Na Filistifoɔ ahemfo no hyiaeɛ, na wɔbɔɔ afɔdeɛ kɛseɛ maa wɔn nyame Dagon,+ na wɔgyee wɔn ani kaa sɛ: “Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa!”+
4 Na adeɛ kyeeɛ, da a ɛdi hɔ a wɔsɔree anɔpatutuutu no, hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam Yehowa adaka no anim; ná Dagon ti ne n’abakɔn mmienu no atete gugu kwan ano.+ Ne kuntunsini a ɛte sɛ apataa no nko na ɛkaeɛ.
2 Na Ahasia firii ne dan a ɛwɔ Samaria no atifi+ tokuro mu bɛhwee fam,+ na ɛbɔɔ no yareɛ. Enti ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔbisa+ Ekron+ nyame Baal-Sebub+ mma me sɛ mɛfiri yareɛ yi mu afiri anaa.”+