2 Ahemfo
anaa, sɛdeɛ Hela Septuagint kyerɛ no, AHEMFO NWOMA A ƐTƆ SO NNAN
1 Ahab wuo akyi+ no, Moab+ tee Israel so atua.+
2 Na Ahasia firii ne dan a ɛwɔ Samaria no atifi+ tokuro mu bɛhwee fam,+ na ɛbɔɔ no yareɛ. Enti ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔbisa+ Ekron+ nyame Baal-Sebub+ mma me sɛ mɛfiri yareɛ yi mu afiri anaa.”+ 3 Na Yehowa bɔfoɔ+ ka kyerɛɛ Tisbini+ Elia sɛ: “Sɔre kɔhyia Samaria hene abɔfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn bi+ nni Israel nti na morekɔ Ekron nyame Baal-Sebub hɔ abisa yi? 4 Enti deɛ Yehowa aka nie: “Mpa a woaforɔ no, worensi mfiri so, ɛfiri sɛ owuo na wobɛwuo.”’”+ Ɛnna Elia firii hɔ kɔeɛ.
5 Berɛ a wɔn a ɔsomaa wɔn no san baa ne nkyɛn no, ɛhɔ ara na ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moasan aba yi?” 6 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima bi firi bɛhyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Monsan nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie,+ ‘Onyankopɔn bi nni Israel nti na morekɔ Ekron nyame Baal-Sebub hɔ abisa yi? Yei nti mpa a woaforɔ no, worensi mfiri so, ɛfiri sɛ owuo na wobɛwuo.’”’”+ 7 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɔbarima a ɔfiri bɛhyiaa mo a ɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ mo no, na ɔte sɛn?” 8 Ɛnna wɔbuaa no sɛ: “Ɔyɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a wɔde aboa nwi ayɛ,+ na ɔde aboa nwoma abɔsoɔ abɔ n’asene.”+ Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ Tisbini Elia.”
9 Na ɔsomaa aduonum so panin ne n’aduonum kɔɔ ne nkyɛn.+ Berɛ a ɔkɔeɛ no, ɔkɔtoo no sɛ ɔte bepɔ no atifi. Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa,+ ɔhene se, ‘Siane bra.’” 10 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ aduonum so panin no sɛ: “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa a, ɛnneɛ egya+ mfiri soro mmɛhye wo ne w’aduonum.” Na egya firii soro baeɛ, na ɛbɛhyee ɔne n’aduonum no.+
11 Na ɔsomaa aduonum so panin foforɔ ne n’aduonum kɔɔ ne nkyɛn.+ Ɔno nso kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa, ɔhene se, ‘Siane bra ntɛm.’”+ 12 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ meyɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa a, ɛnneɛ egya mfiri soro mmɛhye wo ne w’aduonum.” Na Onyankopɔn gya firii soro baeɛ, na ɛbɛhyee ɔne n’aduonum no.
13 Ɛnna ɔsan somaa aduonum so panin a ɔtɔ so mmiɛnsa ne n’aduonum.+ Berɛ a aduonum so panin a ɔtɔ so mmiɛnsa no kɔeɛ no, ɔkɔbuu nkotodwe+ Elia anim paa no kyɛw+ kaa sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa, mesrɛ wo, ma me kra+ ne wo nkoa aduonum yi akra nsom bo+ w’ani so. 14 Hwɛ, egya firi soro bɛhyee+ aduonum so mpanimfoɔ mmienu a wɔdii kan baeɛ no ne wɔn aduonum aduonum no. Na me deɛ, ma me kra nsom bo w’ani so.”
15 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Siane ne no nkɔ. Nsuro no.”+ Enti ɔsɔreeɛ, na ɔsiane ne no kɔɔ ɔhene nkyɛn. 16 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Onyankopɔn bi nni Israel a wobɛtumi abisa ne hɔ adeɛ nti na woasoma abɔfoɔ+ sɛ wɔnkɔ Ekron+ nyame Baal-Sebub hɔ abisa yi? Yei nti mpa a woaforɔ no, worensi mfiri so, ɛfiri sɛ owuo na wobɛwuo.’” 17 Na nkakrankakra, ɔwuu+ sɛdeɛ Yehowa asɛm+ a Elia kaeɛ no teɛ. Na Yehoram+ bɛdii n’adeɛ wɔ Yehosafat ba, Yuda hene Yehoram+ afe a ɛtɔ so mmienu mu, ɛfiri sɛ na ɔnni ɔbabarima.
18 Nneɛma a aka a Ahasia+ yɛeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu.