2 Ahemfo
2 Na ɛbaa sɛ berɛ a Yehowa rebɛfa Elia+ wɔ ahum mu akɔ soro+ no, Elia ne Elisa+ siim firii Gilgal.+ 2 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Mesrɛ wo, tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Betel.” Nanso Elisa kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ+ na wo kra nso te aseɛ+ yi, merennya wo.”+ Enti wɔsiane kɔɔ Betel.+ 3 Ɛnna adiyifoɔ asefoɔ+ a wɔwɔ Betel no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Wonim sɛ ɛnnɛ Yehowa rebɛfa wo wura a ɔdi w’anim no akɔ?”+ Na ɔkaa sɛ: “Me nso menim.+ Monyɛ komm.”
4 Afei Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Elisa, mesrɛ wo, tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Yeriko.”+ Nanso ɔkaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ na wo kra nso te aseɛ yi, merennya wo.” Enti wɔsiim kɔɔ Yeriko. 5 Ɛnna adiyifoɔ asefoɔ a wɔwɔ Yeriko no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Wonim sɛ ɛnnɛ Yehowa rebɛfa wo wura a ɔdi w’anim no akɔ?” Na ɔkaa sɛ: “Me nso menim. Monyɛ komm.”+
6 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Yordan+ ano.” Nanso ɔkaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ na wo kra nso te aseɛ yi, merennya wo.”+ Enti wɔn mmienu siim kɔeɛ. 7 Na adiyifoɔ asefoɔ no aduonum kɔgyinagyinaa wɔn ntentensoɔ;+ na wɔn mmienu deɛ, wɔgyinaa Yordan ho. 8 Ɛnna Elia yii n’atadeɛ,+ na ɔbobɔ de bɔɔ nsuo no mu, na nsuo no mu paee nkakrankakra kɔɔ ha ne ha maa wɔn mmienu no faa asase kesee so twaeɛ.+
9 Berɛ a wɔtwaeɛ no ara pɛ na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Ka deɛ menyɛ mma woɔ ansa na wɔafa me afiri wo nkyɛn.”+ Na Elisa kaa sɛ: “Mesrɛ wo, mepɛ sɛ menya+ wo honhom+ no abupɛn mmienu.”+ 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Woabisa+ adeɛ a ɛyɛ den. Sɛ wohunu sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, wobɛnya; na sɛ woanhunu deɛ a, worennya.”
11 Berɛ a wɔnam rekorɔ na wɔrekasa no, hwɛ! egya teaseɛnam+ ne egya apɔnkɔ bɛtetee wɔn mmienu ntam, na Elia faa ahum mu kɔɔ soro.+ 12 Saa berɛ no nyinaa na Elisa rehwɛ deɛ ɛrekɔ soɔ, na ɔteaam sɛ: “Me papa, me papa,+ Israel ɛko teaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ!”+ Na wanhu no bio. Ɛnna ɔsɔɔ ɔno ara n’atadeɛ mu na ɔsuanee mu mmienu.+ 13 Ɛno akyi no, ɔfaa Elia atadeɛ+ a afiri ne ho agu fam no, na ɔsan kɔgyinaa Yordan ano. 14 Ɛnna ɔfaa Elia atadeɛ a ɛfirii ne ho guu fam no, na ɔde bɔɔ nsuo no mu+ kaa sɛ: “Ɛhe na Yehowa, Elia Nyankopɔn no wɔ?”+ Berɛ a ɔde bɔɔ nsuo no mu no, nkakrankakra emu paee mmienu wɔ ha ne ha, na Elisa twaeɛ.
15 Berɛ a adiyifoɔ asefoɔ a wɔwɔ Yeriko no hunuu no akyirikyiri no, wɔkaa sɛ: “Elia honhom+ aba Elisa so.” Ɛnna wɔkɔhyiaa no, na wɔkotoo+ no butuu fam. 16 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mmarima ahoɔdenfoɔ aduonum ka wo nkoa ho wɔ ha. Ma wɔnkɔ ɛ, na wɔnkɔhwehwɛ wo wura. Ebia Yehowa honhom+ ama ne so akɔto bepɔ bi so anaa bɔn bi mu.” Nanso ɔkaa sɛ: “Monnsoma wɔn.” 17 Na wɔkaeɛ ara kɔsii sɛ ɛyɛɛ no ahometeɛ, na ɔkaa sɛ: “Monsoma ɛ.” Ɛnna wɔsomaa mmarima aduonum kɔeɛ; wɔkɔhwehwɛɛ no nnansa, nanso wɔanhu no. 18 Berɛ a wɔsan baa ne nkyɛn no na ɔwɔ Yeriko.+ Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Manka ankyerɛ mo sɛ, ‘Monnkɔ’?”
19 Akyire yi, kuro no mu mmarima bɛka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Hwɛ, kuro yi da baabi pa+ sɛdeɛ me wura ani tua yi; nanso nsuo+ no nyɛ, na asase no ma apɔn.”+ 20 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa kuruwa foforɔ na momfa nkyene ngu mu mmrɛ me.” Na wɔkɔfa brɛɛ no. 21 Na ɔfirii adi kɔɔ asutire hɔ de nkyene kɔguu mu,+ na ɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Masa nsuo yi yareɛ.+ Ɛrenkum obiara bio, na ɛremma apɔn nso bio.’” 22 Na nsuo no nyaa ayaresa de bɛsi nnɛ,+ sɛdeɛ Elisa kaeɛ no.
23 Na ɔfirii hɔ sɛ ɔreforo akɔ Betel.+ Berɛ a ɔnam kwan soɔ no, mmarimaa+ bi firi kuro no mu ba bɛgoroo ne ho+ kaa sɛ: “Atipa,+ foro ɛ! Atipa, foro ɛ!” 24 Na ɔdanee n’ani hwɛɛ wɔn, na ɔde Yehowa din domee+ wɔn. Ɛnna asisirebereɛ+ mmienu firii wuram ba bɛtetee mmɔfra no aduanan mmienu mu.+ 25 Na ɔtoaa so kɔduruu Bepɔ Karmel+ so, na ɔfirii hɔ san kɔɔ Samaria.