1 Ahemfo 19:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Enti ɔfirii hɔ kɔeɛ, na ɔkɔhunuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefɛntɛm asase,+ na anantwie mpamho dumienu di n’anim, na ɔne deɛ ɛtɔ so dumienu no na ɛnam. Ɛnna Elia kɔɔ ne nkyɛn de n’atadeɛ+ kɔguu ne soɔ. 2 Ahemfo 2:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛno akyi no, ɔfaa Elia atadeɛ+ a afiri ne ho agu fam no, na ɔsan kɔgyinaa Yordan ano.
19 Enti ɔfirii hɔ kɔeɛ, na ɔkɔhunuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefɛntɛm asase,+ na anantwie mpamho dumienu di n’anim, na ɔne deɛ ɛtɔ so dumienu no na ɛnam. Ɛnna Elia kɔɔ ne nkyɛn de n’atadeɛ+ kɔguu ne soɔ.